Song of Solomon 7:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adasoa yi ne hwa, na akɔnnɔduane nyinaa bɛgu yɛn ɛpono ano, foforɔ ne dada, a mede asie ama woɔ, me dɔfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Dudaim no yiyi ne hwam, na aba a ɛwɔ boɔ nyinaa wɔ yɛn pono ano, aba foforɔ ne adada, O me dɔfoɔ, mede asie ama wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Dudaim no yiyi ne hwam, na aba a ɛwɔ boɔ nyinaa wɔ yɛn pono ano, aba foforɔ ne adada, O me dɔfoɔ, mede asie ama wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asaa no yiyi ne hua, na aba a ɛwɔ bo nyinaa wɔ yɛn pon ano, aba afoforo ne adedaw, me dɔfo, mede masie mama wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adesaa yi ne hua, na akɔnnɔduan nyinaa begu yɛn pon ano, foforo ne dedaw, a mede asie ama wo, me dɔfo.