Song of Solomon 8:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anka mɛdi wʼanim na mede wo aba me maame efie, ɔno a woakyerɛkyerɛ me. Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu, me ateaa mu nsuo dɔkɔ dɔkɔ no bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Anka mɛdi w’anim de wo aba me na fie, na woakyerɛkyerɛ me ɔdɔ, na mama woanom nsa a wɔde aduhwam bi agu mu, m’atoaa nsa no bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Anka mɛdi w’anim de wo aba me na fie, na woakyerɛkyerɛ me ɔdɔ, na mama woanom nsa a wɔde aduhwam bi agu mu, m’atoaa nsa no bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Anka megya wo makɔ me na fi, na woakyerɛkyerɛ me ade, na mama woanom nsa a wɔde aduhuam bi agu mu, m’atea nsa no bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anka medi wʼanim na mede wo aba me na fi, ɔno a wakyerɛkyerɛ me. Anka mɛma wo bobesa a wɔde pɛprɛ afra mu, me ntunkum mu nsu dɔkɔdɔkɔ no bi.