Zechariah 1:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ a ɔgyina ohwam nnua no mu no sɛ, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yɛhunuu sɛ ewiase nyinaa wɔ ahomegyeɛ ne asomdwoeɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔbuaa AWURADE bɔfoɔ a ɔgyina ohwamdua no ntam no sɛ: Yɛakyini asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔbuaa AWURADE bɔfoɔ a ɔgyina ohwamdua no ntam no sɛ: Yɛakyini asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wobuaa Awurade bɔfo a ogyina ohuannua no ntam no sɛ: Yɛakyin asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade bɔfo a ogyina ohuamnnua no mu no se, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yehuu sɛ wiase nyinaa wɔ ahomegye ne asomdwoe.”