Zechariah 1:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Enti, deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsane abɛhunu Yerusalem mmɔbɔ, na ɛhɔ na wɔbɛsane asi me fie. Na wɔbɛtwe susu ahoma mu wɔ Yerusalem so,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Enti nea Awurade se ni: ‘Mɛsan abehu Yerusalem mmɔbɔ, na hɔ na wɔbɛsan asi me fi. Na wɔbɛtwe susuhama mu wɔ Yerusalem so,’ nea Asafo Awurade se ni.