Zechariah 1:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anadwo no menyaa anisoadehunu, mehunuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ɔgyina ohwam nnua bi ntam wɔ bɔnhwa tiaa a emu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoeɛ ne fitaa wɔ nʼakyi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anadwo no minyaa anisoadehu, mihuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ogyina ohuamnnua bi ntam wɔ obon a mu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoe ne fitaa wɔ nʼakyi.