Zechariah 10:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima, wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã. Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye; wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso bɛhunu na wɔn ani agye, na wɔn akoma adi AWURADE mu ahurisie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso bɛhunu na wɔn ani agye, na wɔn akoma adi AWURADE mu ahurisie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn koma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso behu na wɔn ani agye, na wɔn koma adi Awurade mu ahurusi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efraimfo bɛyɛ sɛ dɔmmarima, wɔn ani begye te sɛ nea wɔanom nsa. Wɔn mma behu na wɔn ani begye; wobedi ahurusi wɔ wɔn koma mu wɔ Awurade mu.