Zechariah 11:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na mekaa sɛ, “Merenyɛ mo hwɛfoɔ bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekye wɔn ho wɔn ho nwe.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna mekaa sɛ: Merenyɛne mo bio. Deɛ ɔwuo no nwu, na deɛ wɔtwa no twene no, wɔntwa no ntwene, na wɔn a wɔaka no, ɔbaako nni ne yɔnko nam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna mekaa sɛ: Merenyɛne mo bio. Deɛ ɔwuo no nwu, na deɛ wɔtwa no twene no, wɔntwa no ntwene, na wɔn a wɔaka no, ɔbaako nni ne yɔnko nam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna mekae sɛ: Merenyɛn mo bio; nea owu no nwu, na nea wotwa no kyene no, wontwa no nkyene, na wɔn a wɔaka no, obiako nni ne yɔnko nam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na mekae se, “Merenyɛ mo hwɛfo bio. Wɔn a wɔrewu nwu, na wɔn a wɔreyera nso nyera. Na ma wɔn a aka no nso nkyekyere wɔn ho wɔn ho nwe.”