Zechariah 14:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔ ɛberɛ a wɔgyina wɔn nan so. Wɔn anikosua bɛporɔ wɔ wɔn ntokuro mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔ wɔ wɔn anomu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhaw a AWURADE de bɛha amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa no nie: Wɔda so gyinagyina wɔn anan soɔ no, wɔn honam bɛporɔ, na wɔn ani aporɔ wɔn anikankyi mu, na wɔn tɛkyerɛma aporɔ wɔn anomu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhaw a AWURADE de bɛha amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa no nie: Wɔda so gyinagyina wɔn anan soɔ no, wɔn honam bɛporɔ, na wɔn ani aporɔ wɔn anikankyi mu, na wɔn tɛkyerɛma aporɔ wɔn anomu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na eyi bɛyɛ ɔhaw a AWURADE de bɛhaw amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa: Wɔda so gyinagyina wɔn anan so no, wɔn honam bɛporɔporɔw, na wɔn aniwa aporɔporɔw wɔn anipon mu, na wɔn tɛkrɛma aporɔporɔw wɔn anom.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔw bere a wogyina wɔn anan so, Wɔn aniwa nkesua bɛporɔw wɔ wɔn ntokuru mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔw wɔ wɔn anom.