Zechariah 2:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Team na ma wʼani nnye, Ao, Ɔbabaa Sion. Ɛfiri sɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
To ahurisie dwom ma w’ani nnye, Sion babaa, na hwɛ, mereba mabɛtena wo mu, AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
To ahurisie dwom ma w’ani nnye, Sion babaa, na hwɛ, mereba mabɛtena wo mu, AWURADE asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
To ahurusi dwom, ma w’ani nnye, Sion babea, na hwɛ, mereba mabɛtena wo mu, Awurade asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Teɛ mu na ma wʼani nnye, Ɔbabea Sion. Efisɛ, mereba, na mene mo bɛtena,” sɛnea Awurade se ni.