Zechariah 4:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? Sɛ nnipa hunu sɛ Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye. “(Saa ani nson yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ ewiase afanan nyinaa.)”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na kan no obi buu adwuma yi mfiase animtiaa mpo a wɔn ani begye bere a wobehu kyerebennyɛ bo no Serubabel nsam, Kanea ason a wohui no ne Awurade aniwa a edi akɔneaba asase nyinaa so no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Hena na obu nneɛma nketenkete mfiaseda animtiaa? Sɛ nnipa hu sɛ Serubabel kura kirebennyɛ susudua no a, wɔn ani begye. “(Saa ani ason yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ wiase mmaa nyinaa.)”