Zechariah 6:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ka kyerɛ no sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no nie, na ɔbɛfefɛ afiri hɔ akɔsi Awurade asɔredan no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Hwɛ, ɔbarima bi a “Baa” ne ne din, na ɔbɛfefɛw n’ananmu, na obesi Awurade asɔredan no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ka kyerɛ no se, sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no ni, na ɔbɛfefɛw afi hɔ akosi Awurade asɔredan no.