Zephaniah 1:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no, a wɔdwene sɛ, ‘ Awurade nnyɛ wɔn hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛberɛ no mu mede nkanea bɛhwehwɛ Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔagya wɔn ho ama bɔne no aso, wɔn a wɔse no wɔn akoma mu sɛ: AWURADE renyɛ ho hwee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛbere no mu, mede akanea mɛpɛɛpɛe Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔada wɔn puw so no aso, wɔn a wose wɔn komam sɛ: Awurade renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede akanea bekyin ahwehwɛ Yerusalem mu na matwe wɔn a wogyaagyaa wɔn ho aso, wɔn a wɔte sɛ bobesa puw no, a wodwen se, ‘ Awurade renyɛ hwee sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no.’