Zephaniah 2:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie na ɛte asomdwoeɛ mu. Ɔhoahoa ne ho sɛ, “Me ne no, obiara nte sɛ me.” Hwɛ sɛ deɛ atete apansam, na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ! Obiara a ɔtwam hɔ no sere no, hugya ne nsa fɛdie so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei ne kuro a ɛdi ahurisie a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ, na ɛse no n’akoma mu sɛ: Me ara na obi nni m’akyiri bio. Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo, mmoa abutuiɛ! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei ne kuro a ɛdi ahurisie a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ, na ɛse no n’akoma mu sɛ: Me ara na obi nni m’akyiri bio. Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo, mmoa abutuiɛ! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi ne kurow a edi ahurusi a ɛte hɔ anibiannaso so, na ese ne koma mu sɛ: Me ara, na obi nni m’akyi bio. Adan amamfo, mmoa abutuwii, dɛn ara ni! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwirema hwee hwee, na wawosow ne nsa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi ne kuropɔn a edi ahurusi na ɛte asomdwoe mu. Ɔhoahoaa ne ho se, “Me ne no, obiara nte sɛ me.” Hwɛ sɛnea atetew apansam, na ayɛ nkekammoa atenae! Obiara a otwa mu wɔ hɔ no serew no, him ne nsa fɛwdi so.