bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Acts 26
Acts 26
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 25
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 27 →
1
Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo se, “Afei mema wo ho kwan sɛ wuyi wo ho ano.” Paulo maa ne nsa so kasae se,
2
“Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye sɛ nnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano wɔ asɛm a Yudafo aka atia me no ho.
3
Nea ɛma meka saa ne sɛ, wunim Yudafo mmara ne wɔn amanne nyinaa fekɔɔ. Enti mesrɛ wo, tɔ wo bo ase tie me.
4
“Yudafo no nim mʼasetena mu nsɛm nyinaa fi me mmofraase. Wonim mʼasetena mu nsɛm wɔ me kurom ne Yerusalem nso.
5
Sɛ wɔbɛka nokware a, wonim sɛ meyɛ Farisini a midi Yudafo mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ.
6
Na afei esiane bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nenanom no nti na migyina ha nnɛ na wɔrebu me atɛn yi.
7
Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuw dumien hwɛ kwan sɛ ɛbɛba mu no nti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidaso yi nti na Yudafo asɔre atia me yi.
8
Adɛn nti na mo Yudafo nnye nni sɛ Onyankopɔn nyan awufo?
9
“Mmere bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a metumi de atia Yesu a ofi Nasaret no din.
10
Saa ara na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Migyee tumi nhoma fii asɔfo mpanyin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifo guu afiase; na sɛ wobu wɔn kumfɔ a, midi mu akoten.
11
Mema wɔtwee wɔn aso mmere pii wɔ hyiadan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpa wɔn gyidi. Mʼani beree wɔn so yiye ma metaa wɔn koduu aman afoforo so.”
12
“Saa ɔtaa yi nti na mikogyee tumi nhoma fii asɔfo mpanyin nkyɛn sɛ mede rekɔ Damasko no.
13
Daasebrɛ, da bi owigyinae a merekɔ Damasko no hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn fii ɔsoro betwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiae.
14
Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi wɔ Arameike kasa mu se, ‘Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me? Nea woyɛ yi nyinaa wode rehaw wo ho sɛnea nantwi tu ne nan wɔ ɔkafo pema ano.’
15
“Mibisae se, ‘Ɛyɛ wo hena, Awurade?’ “Awurade buae se, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.
16
Sɔre gyina hɔ. Nnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me somfo na woadi adanse wɔ nea woahu afa me ho yi ne nea mɛkyerɛ wo nyinaa ho.
17
Megye wo afi Israelfo ne amanamanmufo a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam.
18
Wubebue wɔn ani na woatwe wɔn afi sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afi ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ me mu no so anya bɔnefakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.’
19
“Ɛno nti Ɔhene Agripa, meyɛɛ osetie maa nne a efi ɔsoro no.
20
Mifii ase kaa asɛmpa no wɔ Damasko ne Yerusalem ne Yudeafo aman nyinaa so ne amanamanmufo mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn na wɔmma wɔn nneyɛe nkyerɛ sɛ wɔasakra.
21
Saa asɛm yi ara nti na na mewɔ asɔredan mu resom a Yudafo no bɛkyeree me sɛ wɔrekokum me no.
22
Nanso besi nnɛ yi Onyankopɔn abɔ me ho ban nti na migyina ha redi adanse akyerɛ obiara yi. Asɛm koro a Mose ne adiyifo no kae se
23
ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na wadi awufo sɔre mu kan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafo ne amanamanmufo.”
24
Paulo gu so rekasa no, Festo twaa nʼano se, “Paulo, woabɔ dam! Wo nhomanim bebrebe no abɔ wo dam.”
25
Nanso Paulo buae se, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam ɛ. Nsɛm a mereka no yɛ nokware a aba wɔ mu.
26
Ɔhene Agripa, esiane sɛ wunim saa nsɛm yi nyinaa nti, metumi agyina wʼanim de akokoduru akasa. Migye di sɛ biribiara a esii no wunim, efisɛ emu biara nni hɔ a ɛyɛ kokoamsɛm.
27
Ɔhene Agripa, wugye adiyifo no di ana? Minim sɛ wugye wɔn di.”
28
Agripa bisaa Paulo se, “Wugye di sɛ wubetumi adan mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa bere tiaa yi mu ana?”
29
Paulo buae se, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaebɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa asakra abɛyɛ sɛ me, gye nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu me yi nko ara.”
30
Afei ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɔree.
31
Wɔrekɔ no wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase.”
32
Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Sɛ onipa yi nguan ntoaa Kaesare a anka yebetumi agyaa no.”
← Chapter 25
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 27 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28