bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Ezra 1
Ezra 1
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 2 →
1
Persiahene Kores afe a edi kan no mu no, Awurade kaa Kores koma ma ɔkyerɛw saa dawubɔ nsɛm yi de kɔɔ ahemman no nyinaa mu, maa Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu.
2
Sɛnea Persiahene Kores ka ni: Awurade, ɔsoro Nyankopɔn de ahemman a ɛwɔ asase so nyinaa ahyɛ me nsa. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so.
3
Mo a moyɛ ne nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Yerusalem wɔ Yuda, nsan nkosi saa Awurade, Israel Nyankopɔn, a ɔte Yerusalem no asɔredan. Na mo Nyankopɔn bɛka mo ho.
4
Wɔn a wɔtete baabiara a Yudafo nkae no wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma Yudafo no dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, akwantu nneɛma, nyɛmmoa ne koma pa mu afɔrebɔde a wɔde ma Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no, de boa wɔn akwantu no.
5
Na Onyankopɔn kaa Lewifo, Yuda ne Benyamin mmusuakuw ntuanofo no koma sɛ, wɔnsan mmra Yerusalem mmesiesie Awurade asɔredan no.
6
Na wɔn afipamfo boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛde pa bebree de kaa nea efi wɔn ankasa koma mu no ho.
7
Ɔhene Kores no ankasa de aboɔdenne a ɔhene Nebukadnessar tase fii Awurade asɔredan mu wɔ Yerusalem de koguu ɔno ankasa anyame asɔredan mu no bae.
8
Kores hyɛɛ Persia ɔsannaani Mitredat sɛ ɔnkenkan saa nneɛma no nyinaa, na ɔmfa nhyɛ wɔn a wotwaa wɔn asu a wɔresan aba Yuda no panyin Sesbasar nsa.
9
Eyinom ne nneɛma a Kores de bɛkyɛe: sikakɔkɔɔ nsiase 30 dwetɛ nsiase 1,000 dwetɛ ɔhyewsɛn 29
10
sikakɔkɔɔ hweaseammɔ 30 dwetɛ hweaseammɔ 410 nneɛma a ɛkeka ho 1,000
11
Ne nyinaa mu no, sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nneɛma a wɔde maa Sesbasar sɛ ɔmfa nkɔ Yerusalem bere a wɔn a wotwaa wɔn asu fi Babilonia baa hɔ no dodow yɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ mpem anum ne ahannan (5,400).
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10