bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Jeremiah 30
Jeremiah 30
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 31 →
1
Asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ni:
2
“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: ‘Kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nhoma mu.
3
Nna bi reba,’ sɛnea Awurade se, ‘a mede me nkurɔfo Israelfo ne Yudafo befi nnommum mu asan aba na mede wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so no so,’ Awurade na ose.”
4
Eyi ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho:
5
“Nea Awurade se ni: “ ‘Akomatu nteɛteɛmu na mete, mete basabasayɛ, na ɛnyɛ asomdwoe.
6
Mummisa na munhu: Ɔbarima betumi awo mma ana? Afei, adɛn nti na mihu ɔbarima hoɔdenfo biara sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu, na anim biara ayɛ bosaa saa?
7
Sɛnea da no bɛyɛ hu afa! Da biara renyɛ sɛ ɛno. Ɛbɛyɛ amanehunu bere ama Yakob, nanso wobeyi no afi mu.
8
“ ‘Saa da no,’ Asafo Awurade na ose, ‘Mebubu konnua no afi wɔn kɔn mu, na matetew wɔn nkyehama no mu; ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
9
Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Nyankopɔn ne Dawid, wɔn hene, a mɛpagyaw no ama wɔn.
10
“ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo; mma wʼaba mu mmu, Israel,’ nea Awurade se ni. ‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri, ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so. Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ na obiara renhunahuna no bio.
11
Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’ Awurade na ose. ‘Ɛwɔ mu, mesɛe amanaman no nyinaa pasaa, emu na mebɔ mo ahwete kɔ, nanso merensɛe mo korakora. Mɛteɛteɛ mo, nanso mɛyɛ no wɔ trenee kwan so; meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
12
“Sɛɛ na Awurade se: “ ‘Wʼapirakuru ayɛ akisikuru, na wontumi nsa.
13
Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, wo kuru no rennya aduru, na worennya ayaresa.
14
Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo; wo ho biribiara mfa wɔn ho. Mabɔ wo sɛnea wo tamfo bɛyɛ na matwe wʼaso sɛnea otirimɔdenfo bɛtwe, efisɛ wʼafɔdi so dodo na wʼamumɔyɛ nso dɔɔso.
15
Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru, wo yawdi a ano nni aduru no ho? Wʼafɔdi kɛse ne wʼamumɔyɛ bebrebe nti na mede saa nneɛma yi ayɛ wo.
16
“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; mo atamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu. Wɔn a wɔfow mo no wɔbɛfow wɔn wɔn a wɔtow hyɛɛ mo so no, mɛtow ahyɛ wɔn so.
17
Nanso mɛma wo ahoɔden bio na masa wʼapirakuru,’ Awurade na ose, ‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no, Sion a wo ho nhia obiara.’ ”
18
Sɛɛ na Awurade se: “ ‘Mɛsan de Yakob ntamadan mu ahonyade aba na manya ayamhyehye ama nʼatenae ahorow no; wɔbɛkyekye kuropɔn no bio wɔ ne mmubui so, na ahemfi no besi nea ɛsɛ sɛ esi.
19
Wɔn mu na aseda nnwom befi aba ne ahosɛpɛw nnyigyei. Mɛma wɔadɔɔso, na wɔn dodow no so rentew; mɛhyɛ wɔn anuonyam, na wɔremmu wɔn abomfiaa.
20
Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no, mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim; wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
21
Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa; na wɔn sodifo befi wɔn mu. Mɛka no abata me ho na wabɛn me, na hena na ɔde ne ho bɛma sɛ ɔbɛbɛn me?’ ” Awurade na ose.
22
“ ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ mo Nyankopɔn.’ ”
23
Hwɛ, Awurade ahum betu abufuwhyew mu, mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ amumɔyɛfo mpampam.
24
Awurade abufuw rennwo kosi sɛ obewie ne koma mu nhyehyɛe nyinaa. Nna a ɛreba no mu no mobɛte eyi ase.
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 31 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52