bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Micah 2
Micah 2
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 3 →
1
Nnome nka wɔn a wɔfa amumɔyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kodi dwuma no, efisɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.
2
Wɔn ani bere mfuw, na wogye. Na afi nso wɔfa. Wɔde nyansakorɔn gye nkurɔfo afi, na wɔn agyapade nso wogye.
3
Enti, sɛnea Awurade se ni, “Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho na worentumi nyi wo ho mfi mu. Worentumi nnantew ahantan so bio, efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.
4
Saa da no, nnipa bɛserew mo. Wɔde saa awerɛhow dwom yi bedi mo ho fɛw se: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu. Ogye fi me nsam! Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ”
5
Enti morennya obi wɔ Awurade asafo mu a ɔde ntontobɔ bɛkyɛ asase no.
6
“Monnhyɛ nkɔm,” saa na wɔn nkɔmhyɛfo no ka. “Monnhyɛ saa nneɛma yi ho nkɔm; animguase rento yɛn.”
7
Mo Yakobfi, so wɔnka se, “ Awurade Honhom nni boasetɔ ana? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ ana? “Ne nsɛm nyɛ nea nʼakwan teɛ no yiye ana?
8
Akyiri no me nkurɔfo asɔre te sɛ ɔtamfo. Moworɔw ntade pa fi wɔn a wɔretwa mu a ɛmfa mo ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafo a wofi akono.
9
Mopam mmea a wɔwɔ me nkurɔfo mu fi wɔn afi afɛɛfɛ mu. Mugye me nhyira fi wɔn mma nsam afebɔɔ.
10
Sɔre, fi ha kɔ! Ha nyɛ faako a wɔhome, efisɛ ho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yiye bio.
11
Sɛ ɔtorofo ne ɔdaadaafo ba bɛka se, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsa bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifo a saa nkurɔfo yi pɛ.”
12
“Mɛboaboa mo nyinaa ano Yakob; nokware mɛka Israel nkae no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nguan a wogu nguannan mu, te sɛ nguankuw a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beae hɔ manyamanya.
13
Nea obue ɔkwan no bedi wɔn anim; wobebu apon no na wɔafi akɔ. Wɔn Hene no bɛsen adi wɔn anim, Awurade bɛyɛ wɔn ti.”
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 3 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7