bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Zechariah 13
Zechariah 13
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 14 →
1
“Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.
2
“Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so.
3
Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a agya ne ɛna a wɔwoo saa nipa no bɛka akyerɛ no se, ‘Ɛsɛ sɛ wuwu, efisɛ, wode Awurade din atwa atoro.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofo bɛwɔ no afoa.
4
“Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa.
5
Ɔbɛka se, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ okuafo. Na efi me mmerantebere mu, asase yi so na minya mʼano aduan.’
6
Na sɛ obi bisa no se, ‘Akuru bɛn na ɛwɔ wo ho yi a?’ Obebua se, ‘Ɛyɛ akuru a minyaa wɔ me nnamfonom fi.’ ”
7
“Sɔre, afoa, sɔre tia me guanhwɛfo, tia onipa a ɔbɛn me!” Sɛnea Asafo Awurade se ni. “Bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no bɛbɔ ahwete, na mɛma me nsa so atia nguantenmma no.
8
Asase no so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni, “Wɔbɛbɔ nkyɛmu abiɛsa mu abien ahwe fam ma wɔawuwu; na nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛka wɔ so.
9
Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ, na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na megye wɔn so. Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’ na wɔbɛka se, ‘ Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn.’ ”
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 14 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14