bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
/
Jeremiah 27
Jeremiah 27
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 28 →
1
Yudahene Yosia babarima Sedekia adedie ahyɛaseɛ no, asɛm yi firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ,
2
Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamudua ne nkyehoma yɛ kɔnnua sɛn wo kɔn mu.
3
Fa nkra ma abɔfoɔ a wɔaba Yudahene Sedekia nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔmfa nkɔma ahemfo a wɔwɔ Edom, Moab, Amon, Tiro ne Sidon.
4
Fa nkra kɔma wɔn wuranom sɛ: Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Ka yei kyerɛ wo wuranom sɛ:
5
Mede me tumi kɛseɛ ne me basa a matene mu yɛɛ asase ne so nnipa ne mmoa a wɔwɔ so, na mede ma obiara a ɔsɔ mʼani.
6
Afei, mede mo aman nyinaa bɛhyɛ mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na mede wiram mmoa mpo bɛhyɛ nʼase.
7
Amanaman nyinaa bɛsom no ne ne babarima ne ne nanabarima kɔsi sɛ ne berɛ bɛtwam; na afei aman bebree ne ahemfo akɛseakɛseɛ bɛdi ne so.
8
“ ‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahennie bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne kɔnnua ase a, mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kɔsi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ɔseɛ.
9
Ɛno enti monntie mo adiyifoɔ, mo nkɔmhyɛfoɔ, mo adaeɛ asekyerɛfoɔ, mo asamanfrɛfoɔ anaa mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ, “Morensom Babiloniahene.”
10
Wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ a ɛbɛma wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera.
11
Nanso, sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene kɔnnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔ so atena so, Awurade, na ɔseɛ.’ ”
12
Mede saa nkra korɔ no ara kɔmaa Yudahene Sedekia sɛ, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene kɔnnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfoɔ na mobɛnya nkwa.
13
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ wuwuo wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛdeɛ Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no?
14
Monntie adiyifoɔ no a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babiloniahene,’ ɛfiri sɛ wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ.
15
‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ɔseɛ. ‘Wɔhyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Enti, mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no.’ ”
16
Na meka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne saa nkurɔfoɔ yi nyinaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monntie adiyifoɔ no a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ, ‘Ɛrenkyɛre koraa wɔde Awurade efie nneɛma no bɛfiri Babilonia aba.’ Wɔhyɛ nkɔmtorɔ kyerɛ mo.
17
Monntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mobɛnya nkwa. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛeɛ?
18
Sɛ wɔyɛ adiyifoɔ na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkoto nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade efie ne Yudahene ahemfie ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia.
19
Na yei ne deɛ Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafraeɛ afadum, Ɛpo, nnyinasoɔ a wɔtumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho.
20
Deɛ Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ ɛberɛ a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no.
21
Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade efie, Yudahene ahemfie ne Yerusalem no ho:
22
‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɛbɛka kɔsi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Afei mede nneɛma no bɛsane aba bio abɛsisi wɔn siberɛ wɔ ha.’ ”
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 28 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52
Recommended Reading
Commentary
Jeremiah Commentaries
→
Devotional
Jeremiah Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm) Study Bible
→