bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
/
Job 10
Job 10
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 11 →
1
“Abrabɔ afono me; enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie na mɛkasa afiri me kra yeadie mu.
2
Mɛka akyerɛ Onyankopɔn sɛ: Mmu me kumfɔ, na mmom kyerɛ kwaadu a wobɔ me.
3
Sɛ wohyɛ me so a, ɛdeɛn na wonya? Adɛn enti na wopo wo nsa ano adwuma na wosere hwɛ amumuyɛfoɔ nhyehyɛeɛ?
4
Wowɔ ɔhonam mu ani anaa? Wohunu adeɛ te sɛ ɔdasani anaa?
5
Wo nkwa nna te sɛ ɔdasani anaa wo mfeɛ te sɛ onipa,
6
a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ na wopɛɛpɛɛ me bɔne mu?
7
Ɛwom sɛ wonim sɛ menni fɔ deɛ, nanso obiara nso rentumi nnye me mfiri wo nsam.
8
“Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛbɔɔ me. Afei wobɛdane wo ho asɛe me anaa?
9
Kae sɛ wonwonoo me sɛ dɔteɛ. Na wobɛdane me ayɛ me mfuturo bio?
10
Woanhwie me sɛ nufosuo no womaa me mu piiɛ sɛ kyiisi,
11
amfa wedeɛ ne honam ankata me ho ankeka nnompe ne ntini antoatoa mu anaa?
12
Womaa me nkwa, yii ayamyɛ kyerɛɛ me, na ɔhwɛsie mu, wohwɛɛ me honhom so.
13
“Nanso yei na wode siee wʼakoma mu; na menim sɛ na yei wɔ wʼadwene mu.
14
Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me na wobɛma me ɛso asotwe.
15
Na sɛ medi fɔ a, nnome nka me! Na sɛ mpo medi bem a, merentumi mpagya me ti, ɛfiri sɛ aniwuo ahyɛ me ma na mʼamanehunu amene me.
16
Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata, na bio woda wo tumi nwanwa no adi tia me.
17
Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me na woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so; wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara.
18
“Adɛn enti na woma wɔwoo me? Ɛkaa me nko a anka mewuiɛ ansa na ani bi rehunu me.
19
Anka mamma nkwa yi mu, anaasɛ wosoaa me firi awotwaa mu de me kɔɔ damena mu tee a, anka ɛyɛ.
20
Aka kakra na me nna atwam, gyaa me na menya anigyeɛ ɛberɛ tiawa bi
21
ansa na makɔ koransane kusuuyɛ ne sunsumma kabii asase so,
22
asase a ɛyɛ anadwo sum kabii, sunsumma tumm ne sakasaka, baabi a ɛhɔ hann mpo te sɛ esum.”
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 11 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42