bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
/
Zechariah 13
Zechariah 13
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 14 →
1
“Saa ɛda no, wɔbɛtu asubura ama Dawid fie ne Yerusalemfoɔ de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.
2
“Saa ɛda no, mɛyi ahoni no din afiri asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛyi adiyifoɔ ne efiyɛ honhom afiri asase no so.
3
Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a, agya ne ɛna a wɔwoo saa onipa no bɛka akyerɛ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wowuo, ɛfiri sɛ, wode Awurade din atwa atorɔ.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofoɔ bɛwɔ no sekan.
4
“Saa ɛda no, odiyifoɔ biara ani bɛwu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehunu ho. Ɔrenhyɛ odiyifoɔ atadeɛ a wɔde nwi ayɛ, mfa nnaadaa nnipa.
5
Ɔbɛka sɛ, ‘Menyɛ odiyifoɔ. Meyɛ okuafoɔ. Na ɛfiri me mmeranteberɛ mu no, asase yi so na menya mʼano aduane.’
6
Na sɛ obi bisa no sɛ, ‘Ɛdeɛn akuro na ɛwɔ wo ho yi a?’ Ɔbɛbua sɛ, ‘Ɛyɛ akuro a menyaa wɔ me nnamfonom fie.’ ”
7
“Sɔre, Ao, akofena, sɔre tia me dwanhwɛfoɔ, tia onipa a ɔbɛn me!” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Bɔ odwanhwɛfoɔ no, na nnwan no bɛbɔ ahwete, na mɛma me nsa so atia nnwammaa no.
8
Asase no so nyinaa,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Wɔbɛbɔ nkyɛmu mmiɛnsa mu mmienu ahwe fam ma wɔawuwu; na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛka wɔ so.
9
Mede nkyɛmu mmiɛnsa mu baako yi bɛfa ogya mu; mɛnane wɔn te sɛ deɛ wɔnane dwetɛ, na masɔne wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ. Wɔbɛbɔ me din afrɛ me, na mɛgye wɔn so. Mɛka sɛ, ‘Wɔyɛ me nkurɔfoɔ,’ na wɔbɛka sɛ, ‘ Awurade yɛ yɛn Onyankopɔn.’ ”
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 14 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14