bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
1 Chronicles 10
1 Chronicles 10
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 11 →
1
Na Filistifo ne Israel koe; na Israel mmarima gui Filistifo anim, na apirafo totɔe Gilboa bepɔw so.
2
Na Filistifo tu taree Saul ne ne mma, na Filistifo kum Yonatan ne Abinadab ne Malkisua a wɔyɛ Saul mma no.
3
Na ɔko no den Saul, na agyantofo bɛtoo no, na ne ho yeraw no agyantofo no anim.
4
Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante na fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛbɔ me anyampa. Na n’akodekurafo no ampene, na osuroe pii. Enti Saul faa ne nkrante na ɔhwee so.
5
Na n’akodekurafo no hui sɛ Saul atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrante so na ɔtɔe.
6
Na Saul tɔe, na ne mma baasa no ne ne fi nyinaa totɔe prɛko.
7
Na Israelfo a wɔwɔ obon no mu nyinaa hui sɛ asraafo no aguan, na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw wɔn nkurow guanee. Na Filistifo bae bɛtenatenaa mu.
8
Na n’adekyee no, Filistifo baa atɔfo no ho nneɛma yiyi, na wohuu Saul ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔw so.
9
Na woyiyii wɔn ho ade, na wɔfaa ne ti ne n’akode somae ma wɔde kyinii Filistifo asase so, sɛ wɔnkɔpae nkyerɛ wɔn ahoni ne ɔman no.
10
Na wɔde n’akode no kosiee wɔn anyame fi, na ne tikora de, wɔde kɔfam Dagon fi.
11
Na Yabes-gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saul nyinaa no,
12
akofofo no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saul amu ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wobesiee wɔn nnompe no odupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wodii mmuada nnansɔn.
13
Na Saul wui ne fom a ɔfom AWURADE no ne AWURADE asɛm a wanni so no ne sɛ nso okobisaa ɔsamanfrɛfo hɔ ade hwehwɛɛ n’akyi kwan,
14
na wanhwehwɛ AWURADE akyi kwan nti, na okum no, na ɔdan ahenni no maa Yese ba Dawid.
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 11 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29