bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Acts 24
Acts 24
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 23
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 25 →
1
Na ne nnannum so no, ɔsɔfo panyin Anania ne mpanyimfo no ne ɔkyeame bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo ho nkuro kyerɛɛ amrado no.
2
Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo fii ase bɔɔ nkuro sɛ: Esiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoe bebree ne ntotoe a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti,
3
Felike, onuonyamfo, yɛde aseda gye daa wɔ mmaa nyinaa.
4
Na mempɛ sɛ yɛsɛe wo bere pii nti, mesrɛ wo, fa wo ankasa ayamye so tie yɛn kakra.
5
Yɛahu ɔbarima yi sɛ ɔyɛ obusufo a ɔde mansotwe ba Yudafo a wɔwɔ wiase nyinaa mu, na ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin.
6
Na ɔsɔ hwɛe sɛ ɔde efi bɛka asɔrefi nso. Na yɛkɔkyeree no.
7
[Na anka yɛpɛe sɛ yɛfa yɛn mmara so bu no ntɛn; na Ɔsafohene Lisia bae de abransɛm dennen begyee no yɛn nsam de no kɔe;]
8
na ɔhyɛɛ wɔn a wɔne no wɔ nkurobɔ no sɛ wɔmmra wo nkyɛn; enti wo ankasa wubisa no a, wubehu nea enti a yɛne no bɔ nkuro yi nyinaa.
9
Na Yudafo no nso foaa no nsɛmmoa sɛ nsɛm yi te sa.
10
Na amrado no nyamaa Paulo sɛ ɔnkasa no, obuae sɛ: Esiane sɛ minim sɛ wufi yɛɛ ɔman yi temmufo adi mfirihyia pii nti, mede koma pa mereyi m’ano.
11
Wubetumi ahu sɛ ɛmmoro dadu nnanu a mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔsɔre.
12
Na wɔanhu me asɔrefi anaa hyia adan mu anaa kurom hɔ sɛ me ne obi rekasa, anaasɛ mehwanyan nkurɔfo no,
13
nanso wɔrentumi nkyerɛ me nneɛma a enti wɔtoto m’ano yi ase.
14
Na eyi de, mepaem meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuw no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na migye nneɛma a wɔakyerɛw mmara ne adiyifo mu nyinaa midi.
15
Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso a wɔn ankasa nso hwɛ no kwan, sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.
16
Na eyi mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ menya ahonim a enni fɔ Onyankopɔn ne nnipa fam daa.
17
Na mfirihyia bebree akyi no, mebae sɛ mede ayɛyɛde mebrɛ me man na mabɛbɔ afɔre;
18
ɛno mu na wohuu me sɛ meredwira me ho asɔrefi hɔ, nso ɛnyɛ me ne nkurɔfokuw anaasɛ meyɛɛ gyegyeegye bi.
19
Na ɛyɛ Yudafo bi a wofi Asia, wɔn na anka ɛsɛ sɛ wɔba w’anim ha, na sɛ wɔwɔ me ho asɛm bi a, wɔne me abɛbɔ nkuro.
20
Anaasɛ eyinom nka sɛ migyina baguafo no anim no, wohuu me ho ade a ɛnteɛ bi anaa,
21
gye asɛm biako yi a migyina wɔn mu no, meteɛɛm mekae sɛ: Awufo sɔre ho na morebu me ntɛn nnɛ yi.
22
Na Felike huu Ɔkwan no ho asɛm no mu yiye no, ɔsan wɔn ansa sɛ: Sɛ ɔsafohene Lisia ba a, na metie asɛm no mu yiye.
23
Na ɔhyɛɛ asraafo ha so panyin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribi, na ne ho nnipa no bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no.
24
Na nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani bae, na ɔsoma kɔfrɛɛ Paulo, na wotiee Kristo Yesu mu gyidi no ho asɛm.
25
Na ɔreka trenee ne anidahɔ ne atemmu a ɛrebɛba no ho asɛm no, Felike suroe, na obuae sɛ: Mprempren de, kɔ, na minya adagyew a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.
26
Na n’ani da so nso sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no; enti na daa ɔma wɔkɔfrɛ no, na ɔne no bɔ nkɔmmɔ.
27
Na mfirihyia abien dui no, Porkio Festo besii Felike ananmu; na Felike pɛe sɛ ɔsɔ Yudafo ani nti, ogyaw Paulo afiase hɔ.
← Chapter 23
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 25 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28