bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ecclesiastes 11
Ecclesiastes 11
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 12 →
1
Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu.
2
Kyɛ mu ma nnipa baasɔn anaa baawɔtwe mpo, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.
3
Sɛ osu yɛ amununkum ma a, ɛtɔ gu asase so; na sɛ dua kɔhwe anafo fam anaa atifi fam a, faako a dua no hwee no, ɛhɔ na ɛbɛda.
4
Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba, na nea ɔhwɛ amununkum no rentwa.
5
Sɛnea wunnim mframa kwan ne sɛ nnompe nyin onyinsɛnfo yam no, saa ara na wunnim Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛe.
6
Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.
7
Hann nso yɛ dɛ, na ɛyɛ aniwa fɛ sɛ ehu owia.
8
Na sɛ onipa di mfe pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, nanso ɔnkae sum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; nea ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhude.
9
Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu, nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu.
10
Na yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude.
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 12 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12