bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezra 1
Ezra 1
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 2 →
1
Na Persia hene Kores afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a AWURADE asɛm a efi Yeremia anom no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persia hene Kores honhom, na ɔma wɔpaee mu kae n’ahenni nyinaa mu, na wɔkyerɛwee nso sɛ:
2
Sɛ Persia hene Kores se ni: AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn no, de asase so ahenni nyinaa ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ minsi ofi memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.
3
Mo a moyɛ Onyankopɔn akyidifo no, Onyankopɔn nni mo akyi, ɛsɛ sɛ moforo kɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na monsan nkosi AWURADE Israel Nyankopɔn fi no. Ɔno ne Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ wɔsom no Yerusalem.
4
Na obiara a ɔte ase, wɔ baabiara a ɔkɔsoɛ hɔ sɛ ɔhɔho no, ma ɛhɔfo mfa dwetɛ ne sika ne afide ne mmoa ayamye ade a wɔde bɛma Onyankopɔn fi a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.
5
Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitiriw ne asɔfo ne Lewifo, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo akosi AWURADE fi a ɛwɔ Yerusalem no.
6
Na wɔn a wɔtete wɔn mu no nyinaa hyia de dwetɛ nnwinne, sika ne afide ne mmoa ne aboɔdenne hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamye ade no nyinaa.
7
Na ɔhene Kores yii AWURADE fi nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii Yerusalem de ba besiee ne nyame fi no,
8
ɛnonom na Persia hene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar.
9
Na ne dodow ni: Sika nsanka aduasa, dwetɛ nsanka apem, nkuku a wɔde hyew aduhuam aduonu akron,
10
sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a edi hɔ ahanan ne du ne nnwinne a ɛkeka ho apem.
11
Sika ne dwetɛ nneɛma no nyinaa si mpemnum, ahannan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wotuu wɔn kɔe a ɔde wɔn fi Babel san baa Yerusalem no de bae.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10