bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Habakkuk 3
Habakkuk 3
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
1
Odiyifo Habakuk mpaebɔ, wɔ Shigionot so.
2
AWURADE, mate wo nka na masuro; AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn bere yi mu, bere yi mu, na ma wonhu; w’abufuhyew mu kae wo mmɔborohunu.
3
Onyankopɔn fi Teman ba, na ɔkronkronni no fi Paran bepɔw so. N’anuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyi yɛ asase so ma.
4
Ne hyerɛn te sɛ owia hann, nsesae wowɔ ne ho, na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahintawee.
5
Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim, na ɔyare a ɛhyehye fi di ne nan ase.
6
Ogyina hɔ na ɔwosow asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔw dwiriw, tete nkoko brɛ ase, n’akwan te sɛ tete de.
7
Mihuu Kusan ntamadan wɔ ahohia mu, Midian asase so kuntudan no popo.
8
Nsubɔnten so na, AWURADE w’abufuw redɛw? Ɛpo na wo bo huru tiaa no bere a wote w’apɔnkɔ so, wo nkwagye nteaseɛnam so reba no?
9
Woayɛ wo ta krado, na woaka ntam wɔ w’agyantow ho. Wopaapae asase mu yɛ no nsubɔnten.
10
Mmepɔw hu wo a wohinhim; nsu a etue reba; ebun donkudonku ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro;
11
owia ne ɔsram gyinagyinaa wɔn sibere w’agyan a ɛnenam no hann nti, wo peaw anyinam pa hyerɛn no nti.
12
Abohuru mu na wonam fa asase so, abufuw mu na woposaw amanaman.
13
Wufii adi sɛ worebegye wo man, worebegye nea wɔasra no no; wobobɔɔ ɔbɔnefo ti, womaa ne ho daa hɔ fi ne nan ase kosi n’atifi
14
Wode mpɛmɛ hwirew n’akofo tirim, wotu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigye ne sɛ wɔbɛmene ɔbrɛfo ahintawee mu.
15
Wode w’apɔnkɔ si po mu, nsu pii a ehuru no mu.
16
Metee na me yafunum popoe, m’ano saw biribiri, ɛnne no ho; ɔporow hyɛn me nnompe mu, na m’ase popoe, nanso mɛtena ase matwɛn ahohia da no, mahwɛ asotwe a AWURADE de bɛma wɔn a wɔbɛtoaa yɛn no.
17
Sɛ borɔdɔma rengu nhwiren, na aba bi nni abobe so; ngodua sow di huammɔ, na mfuw mma aduan, nguan to twa fi ban mu, na nantwi bi nni adan mu mpo a.
18
Me de AWURADE mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu.
19
ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden, na ɔma m’anan yɛ sɛ aforote de, na ɔma menantew sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mma dwonkyerɛfo na wɔnto no m’asanku so.
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
All chapters:
1
2
3