bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Hosea 4
Hosea 4
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 5 →
1
Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.
2
Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.
3
Enti asase no di nkɔmmɔ, na ɛsotefo nyinaa anyinnyam, wuram mmoadoma ne wim nnomaa; na ɛpo mu mpataa po reyɛ asa.
4
Nanso mma obi nnham na obi nnka anim, efisɛ wo man te sɛ wɔn a wɔne ɔsɔfo ham.
5
Enti wubehintiw awia, na odiyifo nso ne wo behintiw anadwo, na metwa wo nna akyene.
6
Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.
7
Wɔkɔ so dɔ no, wɔkɔ so yɛ me bɔne; wɔn anuonyam no, mɛdan no ahohora.
8
Me man bɔne no ne wɔn aduan, na wɔn amumɔyɛ yɛ wɔn kra akɔnnɔ.
9
Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfo no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso wɔn bɔne ho, na mama wɔn nneyɛe asan abebua wɔn atifi;
10
wobedidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ aguaman na wɔn ase remfɛe, efisɛ wɔagyaw obu a anka ɛsɛ sɛ wobu AWURADE no.
11
Aguamammɔ ne nsa ne mmorosa sɛe ntease.
12
Me man bisa dua hɔ ade, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, efisɛ aguamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafi wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ aguaman.
13
Mmepɔw atifi na wɔbobɔ afɔre, na wɔhyew aduhuam nkoko so, odum ne duafufu ne odupɔn ase, efisɛ ne nwini ye. Enti mo mmabea bɔ aguaman, na mo sewnom sɛe aware.
14
Merentwe mo mmabea aso aguamammɔ ho, ne mo nsewnom, awaresɛe ho, efisɛ mmarima no nso ne mmea nguaman man, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔre; na ɔman a wonni nhumu no bɛbɔ.
15
Ɛwom sɛ wo, Israel, wobɔ aguaman de, nanso mma Yuda nnni so. Na momman nnkɔ Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi.
16
Na Israel aso asorow sɛ nantwi buruwa aso; afei AWURADE bɛyɛn wɔn sɛ oguammaa, asase haharaa so.
17
Efraim akɔdɔm abosom adum; gyaa no.
18
Sɛ wɔn asanom atra so a; aguaman na wɔbɔ, ɔpɛ na emu atitiriw pɛ ahohora.
19
Mframa akyere no ne ntaban mu, na wɔn ani bewuwu wɔn afɔrebɔ ho.
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 5 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14