bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
John 21
John 21
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 20
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
1
Eyinom akyi no, Yesu yii ne ho kyerɛɛ n’asuafo no bio Tiberia po ho. Na sɛnea oyii ne ho kyerɛe ni:
2
Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafo no mu baanu nso wɔ hɔ.
3
Simon Petro see wɔn sɛ: Merekɔ po. Wosee no sɛ: Yɛn nso, yɛne wo bɛkɔ. Wofii adi kɔɔ ɔkorow mu, na anadwo no, wɔanyi hwee.
4
Na ade reyɛ akye no, Yesu begyinaa mpoano, nanso asuafo no nnim sɛ ɛyɛ Yesu.
5
Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: Yaanom, moanya nam anaa? Wobuaa no sɛ: Dabi.
6
Na osee wɔn sɛ: Momfa asawu no ngu ɔkorow no nifa, na mubenya bi. Ɛnna wogui, na mpataa no dodow nti, na wontumi ntwe asau no bio.
7
Ɛnna osuani a Yesu dɔ no no see Petro sɛ: Ɛyɛ Awurade! Ɛnna Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde n’atade kyekyeree ne ho so, efisɛ na ɔda adagyaw, na ɔtow ne ho hwee po no mu.
8
Na asuafo a aka no nam ɔkorow kumaa no mu bae, na wɔne asase so nware, na ɛbɛyɛ sɛ basafa ɔha, na wɔtwee asawu no ne mpataa no.
9
Na wosii fam no, wohuu nnyansramma a nam gu so, ne abodoo.
10
Na Yesu see wɔn sɛ: Momfa nam a muyii mprempren no bi mmra!
11
Simon Petro kɔe, na ɔkɔtwee asawu no baa asase so na mpataa akɛse ɔha aduonum abiɛsa ayɛ no ma; wɔdɔɔso sɛɛ de, nanso asawu no antetew.
12
Yesu see wɔn sɛ: Mommra mmɛka mo ano. Nso asuafo no mu biara antumi ammisa no sɛ: Woyɛ hena? Na wonim sɛ ɛyɛ Awurade.
13
Ɛnna Yesu bɛfaa abodoo no de maa wɔn, ɛne apataa no saa ara.
14
Eyi ne ne mprɛnsa a Yesu nyan fii awufo mu no, oyii ne ho kyerɛɛ asuafo no.
15
Ɛnna wodidi wiei no, Yesu see Simon Petro sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me sen eyinom? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguammaa!
16
Yesu see no ne mprenu so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Osee no sɛ: Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Hwɛ me nguan!
17
Osee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛhow sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na obuaa no sɛ: Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguan!
18
Mereka akyerɛ wo nokware mu pa ara sɛ, woyɛ aberante no, wobɔɔ abɔso, na wokɔɔ faako a wopɛ; na wunya bɔ akora a, wobɛteɛ wo nsa, na obi abɔ wo abɔso, na ɔde wo akɔ nea wompɛ.
19
(Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.) Na ɔkaa eyi no, osee no sɛ: Di m’akyi!
20
Ɛnna Petro dan n’ani no, ohuu osuani a Yesu dɔ no no sɛ odi wɔn akyi, ɔno na otwerii ne kokom adidi no ase a ɔkae sɛ: Awurade, hena ne nea obeyi wo ama no?
21
Ɔno na Petro huu no no, osee Yesu sɛ: Awurade, na oyi ɛ?
22
Yesu see no sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di m’akyi!
23
Ɛnna asɛm yi trɛwee anuanom no mu sɛ saa osuani no renwu; nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na ose: Mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?
24
Oyi ne osuani a odi eyinom ho adanse na ɔkyerɛw eyinom no; na yenim sɛ n’adanse no yɛ nokware.
25
Na nneɛma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛe, ɛno na sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa mmiako mmiako a, anka misusuw sɛ nhoma a wɔbɛkyerɛw no rensen wiase mpo.
← Chapter 20
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21