bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jonah 3
Jonah 3
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 4 →
1
Na AWURADE asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ:
2
Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ wo no kyerɛ wɔn.
3
Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm no so siim kɔɔ Niniwe. Nso Niniwe yɛ kurow kɛse, nnansa na wɔde twa ho hyia.
4
Na Yona fii ase hyɛn kurow no mu nantewee da koro, na ɔpaee mu sɛ: Aka adaduanan na Niniwe abutuw.
5
Ɛnna Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii, na wɔpaee mmuadadi, na wofurafuraa ayitama fi wɔn mu nnipa akɛse so kosii wɔn mu akumaa so.
6
Na asɛm no duu Niniwe hene nkyɛn no, ɔsɔre fii n’agua so, na oyii ne nguguso guu hɔ na ofuraa atweaatam, na ɔtenaa nso mu,
7
na ɔma wɔpaee mu kae Niniwe, ɔhene ne n’atitiriw asɛm so, kae sɛ: Nnipa ne afieboa, anantwi ne nguan mmfa hwee nnka wɔn ano, wɔmmma wonnkodidi, na wɔnnnom nsu nso.
8
Na nnipa ne afieboa mfurafura ayitama, na wonsu dennennen mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan mfi ne kwammɔne so ne amim ade a ɛwowɔ wɔn nsam no ho.
9
Obi nnim sɛ ebia Onyankopɔn bɛsesa n’adwene wɔ nea ɔrebɛyɛ no ho, na wadan ne ho afi abufuhyew no ho, na wansɛe yɛn.
10
Na Onyankopɔn huu wɔn nneyɛe, sɛ wɔasan afi wɔn akwammɔne no so, na ɔsakraa n’adwene wɔ bɔne a ɔkae sɛ ɔde bɛyɛ wɔn no ho, na wanyɛ.
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 4 →
All chapters:
1
2
3
4