bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Joshua 20
Joshua 20
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 19
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 21 →
1
Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ:
2
Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Munyi guankɔbea nkurow a menam Mose so mekaa mo ho asɛm no,
3
na onipakumfo a obekum obi nsapa mu anaa wammoapa no nguan nkɔ hɔ, na ɛnyɛ mo guankɔbea mfi mogya ho werefo nsam.
4
Na nea oguan kɔ saa nkurow yi bi mu no nnyina kurow no pon ano, na ɔnka ne nsɛm no ngu kurow no mu mpanyimfo asom, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kurow no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena.
5
Na sɛ mogya ho werefo no tiw no ba a, wɔmmfa onipakumfo no nnhyɛ ne nsa, efisɛ onnim na ɔbɔɔ ne yɔnko no, nanso bere a atwam no, na ɔntan no.
6
Na ɔntena nkurow no mu nkosi sɛ obegyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, nkosi sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ so saa bere no bewu; ɛno ansa na onipakumfo no nsan nkɔ ne kurom ne ne fi, na ɔnkɔ kurow a ofi hɔ guanee no mu.
7
Ɛnna woyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔw so, ne Sekem, Efraim bepɔw so, ne Kiriat-arba a ɛne Hebron wɔ Yuda bepɔw so.
8
Na Yordan agya, Yeriko apuei nso woyii Beser, sare so asasetaw so de fii Ruben abusuakuw mu, ne Ramot wɔ Gilead de fii Gad abusuakuw mu, ne Golan wɔ Basan de fii Manase abusuakuw mu mae.
9
Eyinom ne nkurow a woyiyi totoo hɔ maa Israelfo nyinaa ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a okum ɔkra bi nsapa mu no nguan nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefo nsam, akosi sɛ obegyina asafo no anim.
← Chapter 19
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 21 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24