bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Judges 17
Judges 17
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 18 →
1
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ofi Efraim bepɔw so a wɔfrɛ no Mika.
2
Na ɔka kyerɛɛ ne na sɛ: Wo dwetɛ apem ne ɔha a wɔbɛfae a wo de, wobɔɔ ho dua na wokae nso ma metee no, hwɛ dwetɛ no wɔ me nkyɛn, me na mefae. Na ne na kaa sɛ: AWURADE mma nhyira nka me ba.
3
Na ɔdan dwetɛ apem ne ɔha no maa ne na. Na ne na kaa sɛ: Oyi na mayi dwetɛ no mafi me nsam mayɛ no kronkron mama AWURADE, sɛ wɔmfa mma me ba, na wɔmfa nyɛ ohoni a wɔasen no agude; enti nso mɛdan mama wo.
4
Na ɔdan dwetɛ no maa ne na bio. Na ne na faa dwetɛ ahanu de maa ogufo, na ɔde yɛɛ osenhoni ne agude, na ɛwɔ Mika fi.
5
Nso na ɔbarima Mika no wɔ abosomfi, na ɔyɛɛ asɔfotade ne abusua ahoni, na ɔhyɛɛ ne mma mu biako sɔfo, na odii no sɔfo.
6
Nna no mu no, na ɔhene bi nni Israel; obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so.
7
Na aberante bi wɔ hɔ a ofi Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔsoɛɛ hɔ hɔho.
8
Na ɔbarima no fii Betlehem Yuda kurow no mu sɛ ɔkɔ baabiara a obenya; na n’akwantu no mu oduu Mika fi wɔ Efraim bepɔw so.
9
Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛhe na wufi reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meyɛ Lewini a mifi Betlehem Yuda, na menam, merekɔtena baabiara a menya.
10
Na Mika ka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne me ntena ɛ, na yɛ me agya ne ɔsɔfo, na mɛma wo dwetɛ du afirihyia ne atade biako ne w’aduan. Na Lewini no hyɛn mu.
11
Na Lewini no penee sɛ ɔne ɔbarima no bɛtena, na aberante no yɛɛ no sɛ ne mmammarima mu biako.
12
Na Mika hyɛɛ Lewini no sɔfo, na aberante no dii no sɔfo, na ɔtenaa Mika fi.
13
Na Mika kaa sɛ: Afei na mahu sɛ AWURADE rebɛyɛ me yiye sɛ manya Lewini a odi me sɔfo yi.
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 18 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21