bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Leviticus 17
Leviticus 17
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 18 →
1
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2
Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi ne asɛm a AWURADE ahyɛ ho mmara sɛ:
3
Obiara a ɔwɔ Israel fi a okum nantwi anaa oguanten anaa abirekyi nsra mu, anaasɛ okum no nsra no akyi,
4
na ɔmfa mma ahyiae ntamadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛde mma AWURADE wɔ AWURADE tenabea anim no, wobebu mogya agu no so, waka mogya agu, na wobetwa saa onipa no afi ne man mu akyene,
5
na ama Israelfo de wɔn afɔre a wokum sare so no abrɛ asɔfo no ama wɔde abrɛ AWURADE, ahyiae ntamadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoe afɔre.
6
Na ɔsɔfo no mfa mogya no mpete AWURADE afɔremuka no so, ahyiae ntamadan no ano, na ɔnhyew srade no na enyi hua huamhuam mma AWURADE.
7
Na wonnkum wɔn afɔrebɔde mmma mpapo abosom a wodi wɔn akyi aguamammɔ so no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛde mma wɔn, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.
8
Na wɔn de, ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre bi,
9
na wamfa amma ahyiae ntamadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wobetwa no afi ne man mu akyene.
10
Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a odi mogya biara no, mɛma m'ani asa saa ɔkra a odi mogya no, na matwa no afi ne man mu akyene.
11
Efisɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.
12
Ɛno nti na mise Israelfo sɛ: Mo mu biara nnni mogya, na ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no nso nnni mogya.
13
Na obiara a ofi Israel mma ne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu a ɔyɛ ha kum aboa anaa anomaa a wodi no, onhwie ne mogya ngu na ɔmfa dɔte nkata so.
14
Na ɔhonam nyinaa kra de, ne mogya ne ne kra, enti na mise Israelfo sɛ: Munnni nam biara mogya, efisɛ ɔhonam nyinaa kra ne ne mogya; obiara a odi no, wobetwa no akyene.
15
Na obiara a odi nea wawu anaasɛ nea wɔatetew no, okuromani oo, ɔhɔho oo, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere ansa na ne ho atew;
16
na sɛ wanhoro ne ntade na wanguare a, ɛnne ɔnsoa ne mmusu.
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 18 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27