bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Luke 19
Luke 19
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 20 →
1
Na Yesu kɔhyɛn Yeriko sɛ ɔretwam.
2
Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo a ɔyɛ towgyefo panyin na ɔyɛ ɔdefo.
3
Na ɔhwehwɛ Yesu ahu ne nipaban, nanso nkurɔfokuw no nti ontumi, efisɛ ɔyɛ akwatia.
4
Na otutuu mmirika dii kan kɔforoo ankye dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; efisɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa.
5
Na Yesu duu hɔ no, ɔmaa n’ani so huu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sakeo, yɛ ntɛm si fam; na wo fi na ɛsɛ sɛ metena nnɛ.
6
Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ogyee Yesu ɔfɛw so.
7
Na nkurɔfokuw no hui no, wɔn nyinaa nwiinwii kae sɛ: Ɔkɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.
8
Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao! Awurade, hwɛ, mede m’ahode fa mɛkyɛ ahiafo, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mɛbɔ ho mpɛn anan matua ka.
9
Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ampa ara, ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.
10
Na Onipa Ba no bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabegye nea ayera.
11
Na wɔretie eyinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, efisɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuw no susuwii sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kae sɛ:
12
Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekogye n’ahenni na wasan aba.
13
Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkosi sɛ mɛba.
14
Na ne manfo tan no, na wɔsomaa abɔfo dii n’akyi sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.
15
Na ɛbae sɛ onyaa ahenni no na ɔsan bae no, ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na onhu nea obiara adi gua anya.
16
Na nea odi kan no bae bɛkae sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du aka ho.
17
Na osee no sɛ: Wiɛ, akoa pa, sɛ woadi ketewaa mu nokware nti, di nkurow du so tumi!
18
Na nea ɔto so abien no bae bɛkae sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa anum.
19
Na osee oyi nso sɛ: Wo nso di nkurow anum so!
20
Na ɔfoforo bae bɛkae sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a wode maa me no mede mehyɛɛ dukuu mu
21
Na misuroo wo, efisɛ woyɛ onipa a woyɛ den, wofa nea womfa ntoo hɔ ɛ, na wutwa nea wungui ɛ.
22
Na owura no see no sɛ: Akoa bɔne, w’ankasa anom asɛm so na menam mebu wo atɛn. Wunim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa nea memfa mentoo hɔ, na mitwa nea mingui ɛ,
23
na adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea, na meba a, mabegye m’ade ne ɛho nsiho?
24
Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyina nkyɛn no sɛ: Munnye ne nsam bɛnnaa no, na momfa nkɔma nea ɔwɔ mmɛnnaa du no.
25
(Na wosee no sɛ: Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!)
26
Na mise mo sɛ: Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no; na nea onni no, nea ɔwɔ po, wobegye ne nsam.
27
Na m’atamfo a wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene de, momfa wɔn mmra ha, na mummekum wɔn m’anim!
28
Na owiee eyinom ka no, ɔsen dii kan sɛ ɔrekɔ Yerusalem.
29
Na ɛbae sɛ ɔbɛn Betfage ne Betania bepɔw a wɔfrɛ no Ngo Bepɔw ho no, ɔsomaa n’asuafo no mu baanu
30
sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na mohyɛn hɔ a, mubehu afurum ba a wɔasa no a onipa biara ntenaa no so da; monsan no mmra ha!
31
Na sɛ obi bisa mo sɛ: Adɛn nti na mosan no a, nea monka ne sɛ: Ne ho hia Awurade.
32
Na wɔn a wɔsomaa wɔn no kɔe kohui sɛnea ɔka kyerɛɛ wɔn no ara.
33
Na wɔresan afurum ba no no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na mosan afurum ba no?
34
Na wɔkae sɛ: Ne ho hia Awurade.
35
Na wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu; na wɔde wɔn ntama guu no so, na wɔde Yesu tenaa so.
36
Na ɔrekɔ no, wɔde wɔn ntama sesɛw ɔkwan mu.
37
Na ɔbɛn nea wɔrebesian Ngo Bepɔw no, asuafo dɔm no nyinaa ani fii ase gyei, na wɔde nne kɛse yii Nyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenne a wɔahu nyinaa nti
38
sɛ: Nhyira ne ɔhene a ɔnam Awurade din mu reba no! Asomdwoe wɔ ɔsoro, na anuonyam wɔ sorosoro noho.
39
Na Farisifo no mu bi a wɔwɔ nkurɔfokuw no mu ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, ka w’asuafo no anim!
40
Na obua see wɔn sɛ: Mise mo sɛ: Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm.
41
Na ɔbɛn no, ɔhwɛɛ kurow no sui wɔ so se:
42
Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wunim nea ɛfa asomdwoe ho a anka eye. Nanso afei, wɔde ahintaw wo.
43
Na nna bi bɛba wo so a w’atamfo betwa wo ho ka, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara,
44
na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so, efisɛ woanhu bere a wɔdom bɛhwɛɛ wo no.
45
Na Yesu kɔɔ asɔrefi no, ofii ase pam wɔn a wɔtɔn ade wɔ hɔ no
46
osee wɔn sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Me fi yɛ mpaebɔ fi; na mo de, mode ayɛ adwowtwafo tu.
47
Na daa ɔkyerɛkyerɛe asɔrefi hɔ; na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne ɔman no mu atitiriw rehwehwɛ no akum no.
48
Na wɔanhu nea wɔbɛyɛ; efisɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 20 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24