bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Mark 1
Mark 1
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 2 →
1
Yesu Kristo, [Onyankopɔn Ba] asɛmpa no mfiase.
2
Sɛnea wɔakyerɛw wɔ odiyifo Yesaia nhoma no mu sɛ: Hwɛ, meresoma me bɔfo madi w’anim, ɔno na obesiesie wo kwan.
3
Obi nne teɛm sare so sɛ: Munsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn nteɛ!
4
Yohane bae bɛbɔɔ asu sare so, na ɔkaa adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔnefakyɛ mu.
5
Na Yudea asase nyinaa sofo ne Yerusalemfo fi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn nyinaa asu wɔ asubɔnten Yordan mu.
6
Na Yohane fura yoma nwi ntama, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na odi mmoadabi ne wuram wo.
7
Na ɔpaem kae sɛ: Nea ne ho yɛ den sen me di m’akyi reba a mensɛ sɛ mekotow mesan ne mpaboa hama.
8
Me de, mede nsu na ɛbɔ mo asu, na ɔno de, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu.
9
Na ɛbae sɛ nna no mu no, Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu.
10
Na ofii nsu no mu no, ntɛm ara na ohui sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resian sɛ aborɔnoma ba no so.
11
Na ɛnne bi fi soro bae sɛ: Wone me dɔba a wosɔ m’ani!
12
Na amonom hɔ ara Honhom no faa no ntɛm so kɔɔ sare so.
13
Na odii sare so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfo bɛsom no.
14
Na woyii Yohane mae akyi no, Yesu baa Galilea bɛkaa Onyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.
15
Na ɔkae sɛ: Ɛbere no awie du, Onyankopɔn ahenni no abɛn. Monsakra mo adwene, na munnye asɛmpa no nni!
16
Na ɔnenam Galilea po ho no, ohuu Simon ne ne nua Andrea sɛ wɔregu asawu ɛpo no mu; na wɔyɛ apofofo.
17
Na Yesu see wɔn sɛ: Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.
18
Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no hɔ bedii n’akyi.
19
Na ofii hɔ kɔɔ n’anim kakra no, ohuu Sebedeo ba Yakob ne nua Yohane sɛ wɔn nso wɔ ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu.
20
Na ntɛm ara ɔfrɛɛ wɔn, na wogyaw wɔn agya Sebedeo ne apaafo no ɔkorow no mu bedii n’akyi.
21
Na wokoduu Kapernaum. Na homeda dui no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛe.
22
Na ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ wɔn ahodwiriw, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ akyerɛwfo no.
23
Na bere koro no ara, na onipa bi wɔ wɔn hyiadan no mu a ɔwɔ honhom fi, na ɔteɛɛm
24
sɛ: Dɛn na yɛne wo Yesu Nasareni wɔ yɛ? Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn anaa? Minim wo nipa ban, Onyankopɔn hotefo no.
25
Na Yesu teɛteɛɛ no sɛ: Mua w’ano na fi no mu kɔ!
26
Na honhom fi no ma osinsenee, na ɔde nne kɛse teɛɛm, na ofii no mu kɔe.
27
Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.
28
Na ne ho asɛm fii hɔ trɛw kɔɔ Galilea nsaase a atwa ahyia ho nyinaa so.
29
Na wofii hyiadan no mu no, ntɛm ara na wɔne Yakob ne Yohane kɔɔ Simon ne Andrea fi.
30
Na Simon n’asebea da hɔ yare atiridii, na ntɛm ara wɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ no.
31
Na Yesu ba besoo ne nsa maa no so, na atiridii no gyaa no, na ofii ase som wɔn.
32
Na eduu anwummere a owia kɔtɔe no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.
33
Na kurow mu no nyinaa bɛkyeree so ɔpon no ano.
34
Na ɔsaa nnipa bebree a wɔyare nyarewa ahorow pii yare, na otuu ahonhommɔne bebree, na wamma ahonhommɔne no kwan sɛ wɔnkasa, efisɛ wonim no.
35
Na ɔsɔree ahemadakye fii adi, na ɔkɔɔ sare so baabi; na ɔkɔbɔɔ mpae wɔ hɔ
36
Na Simon ne wɔn a wɔka ne ho no tiw no;
37
na wohuu no no, wosee no sɛ: Nnipa nyinaa rehwehwɛ wo.
38
Na osee wɔn sɛ: Momma yɛnkɔ nkurow a ɛdeda hɔ no mu, na menkɔka asɛmpa no ɛhɔ nso; na eyi nti na mebae.
39
Na ɔkɔ kɔkaa asɛm wɔ wɔn hyia adan mu Galilea nyinaa, na otutuu ahonhommɔne.
40
Na ɔkwatani bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no, na ɔkotow no see no sɛ: Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.
41
Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na osee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi.
42
Na ntɛm ara kwata no fii ne ho, na ne ho fii.
43
Na Yesu braa no dennennen sɛ ɔnka, na, ɔma ofii adi ntɛm ara.
44
Na osee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ, na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma nea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ adanse mma wɔn.
45
Na ɔno de, ofii adi no, ofii ase kekaa no pii na ɔmaa asɛm no trɛwee, na enti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kurow biara mu bio; na mmom ɔtenaa sare so hɔnom baabi, na wofi mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16