bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Matthew 19
Matthew 19
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 20 →
1
Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ofii Galilea, na ɔbaa Yudea ahye so Yordan agya.
2
Na nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi; na ɔsaa wɔn yare wɔ hɔ.
3
Na Farisifo baa ne nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe sɛ: Obi wɔ ho kwan sɛ asɛm biara nti ogyaa ne yere anaa?
4
Na obua see wɔn sɛ: Monkanee sɛ efi mfiase no, nea ɔbɔɔ nnipa no, ɔbarima ne ɔbea na ɔyɛɛ wɔn,
5
na ɔkae sɛ: Eyi nti na onipa begyaw agya ne ɛna, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔn baanu no akɔyɛ ɔhonam koro?
6
Enti wɔnna so nyɛ baanu bio, na mmom wɔyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!
7
Wobisaa no sɛ: Na adɛn nti na Mose hyɛe sɛ wɔmma awaregyae nhoma, na wonnyaa no no?
8
Osee wɔn sɛ: Mo komaden nti na Mose maa mo kwan sɛ munnyaa mo yerenom; na efi mfiase de, anka ɛnte sa.
9
Enti mise mo sɛ, sɛ ɛnyɛ aguamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware ɔfoforo a, na wasɛe aware; (Na nea ɔbɛware nea wɔagyaa no no nso asɛe aware.)
10
Asuafo no see no sɛ: Sɛ ɔbarima ne ne yere ntam asɛm te saa de a, na enye sɛ wɔware.
11
Na osee wɔn sɛ: Ɛnyɛ nnipa nyinaa na ebetumi agye asɛm yi, gye wɔn a wɔde ama wɔn.
12
Nnipa bi wɔ hɔ a wɔwoo wɔn sɛ asigyafo fi wɔn na yam, na asigyafo bi nso wɔ hɔ a nnipa na ɛyɛɛ wɔn saa; na asigyafo bi nso wɔ hɔ a ɔsoro ahenni nti na wɔayɛ wɔn ho saa. Nea obetumi agye asɛm a maka no, ma onnye.
13
Ɛno na wɔde mmofra brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so mmɔ mpae mma wɔn; na asuafo no kaa nnipa a wɔde wɔn bae no anim.
14
Nanso Yesu kae sɛ: Momma mmofra no kwan, na munnsiw wɔn me nkyɛn ba ho kwan; na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.
15
Na ɔde ne nsa guu wɔn so hyiraa wɔn na ofii hɔ kɔe.
16
Na hwɛ, obi baa hɔ bebisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?
17
Na osee no sɛ: Adɛn na wubisa me papa ho asɛm? Obiako na oye. Na sɛ wopɛ sɛ wokɔ nkwa mu a, di mmara nsɛm no so!
18
Obisaa Yesu se: Nea ɛwɔ he? Na Yesu se: Nea ese: Nni awu! Nsɛe aware! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum!
19
Di w’agya ne wo na ni! Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!
20
Aberante no ka kyerɛɛ no sɛ: Madi eyinom nyinaa so. Ɛdɛn na aka me bio?
21
Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya agyapade wɔ ɔsoro, na bra bedi m’akyi!
22
Aberante no tee asɛm no no, ɔde awerɛhow kɔe; efisɛ ɔwɔ ahonyade bebree.
23
Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: Nokware mise mo sɛ, ɛyɛ den ma ɔdefo sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu.
24
Na bio mise mo sɛ, ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane tokuru mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.
25
Na n’asuafo no tee no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw pii na wɔkae sɛ: Ɛnne na hena na wobetumi agye no nkwa?
26
Na Yesu hwɛɛ wɔn anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnipa fam de, eyi ntumi nyɛ, na Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ hɔ.
27
Ɛnna Petro bua see no sɛ: Hwɛ, yɛagyaw ade nyinaa abedi w’akyi. Dɛn ara na yebenya?
28
Na Yesu see wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ mo a moabedi m’akyi yi, wiase foforo no mu no, da a Onipa Ba no bɛtena n’anuonyam ahengua so no, mo nso mobɛtena nhengua dumien so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.
29
Na obiara a me din nti wagyaw ofi, nuammarima anaa nuammea, agya anaa ɛna anaa mma anaa nsaase no, obenya no mmɔho ɔha na wanya daa nkwa.
30
Na adikanfo pii bedi akyiri, na akyikafo abedi kan.
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 20 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28