bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Philippians 1
Philippians 1
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 2 →
1
Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfo ne asomfo:
2
Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.
3
Meda me Nyankopɔn ase, nkae a mede mekae mo no nyinaa mu.
4
Nso daa, me mpaebɔ nyinaa mu, mede anigye mesrɛ mema mo nyinaa,
5
mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam fi da a edi kan de abedu nnɛ yi nti;
6
na mewɔ eyi ara ho ahotoso sɛ nea wafi adwuma pa ase wɔ mo mu no bewie akosi Kristo Yesu da no.
7
Ɛye ma me sɛ midwen saa fa mo ho, efisɛ moda m'akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Onyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne bere a migyina pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.
8
Na Onyankopɔn ne me dansefo, sɛ mede Kristo Yesu mu tema mefe mo nyinaa.
9
Na mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne nhumu nyinaa mu,
10
na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurunnyenn ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no,
11
na trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ahyɛ mo ma ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi.
12
Na, anuanom, mepɛ sɛ muhu sɛ nea ayɛ me no ama asɛmpa no akɔ so mmom,
13
ama me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, amrado aban mufo nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu,
14
na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.
15
Ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm de, nanso ebinom wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka.
16
Ebinom fi ɔdɔ mu, efisɛ wonim sɛ asɛmpa no ho anoyi nti na meda ha,
17
nanso ebinom fi ntɔkwawpɛ mu na ɛbɔ Kristo din, efisɛ ɛnyɛ ne nokware so so, na mmom wosusuw sɛ wɔde ahohia bɛka me mpokyerɛ ho.
18
Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokwarem oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na eyi mu na medi ahurusi; enti dɛn, m’ani begye ara.
19
Efisɛ minim sɛ ɛnam mo nkotɔsrɛ ne Yesu Kristo honhom boa no so na eyi bɛdan me nkwagye,
20
mewɔ anidaso na mehwɛ kwan dennennen sɛ, m’anim rengu ase biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛse nti, sɛnea ɛte daa no, seisei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owu mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.
21
Na me de, m’ase a mete ne Kristo, na owu yɛ me mfaso.
22
Nanso sɛ ɔhonam mu asetena yi bɛma m'adwuma akɔ so de a, ɛnne na minhu emu nea memfa.
23
Na mihim nneɛma abien yi ntam. Anka mepɛ sɛ mitutu ha na me ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye pa ara;
24
nanso mekɔ so ara tena ase a, ɛho wɔ mfaso kɛse esiane mo nti.
25
Na mewɔ saa ahotoso yi, na minim sɛ, mɛtena ase, na me ne mo nyinaa atena hɔ ama mo gyidi mu anigye akɔ so,
26
na mo ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu wɔ me nti, esiane meba a mereba mo nkyɛn bio no.
27
Ɛnne na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mibehu mo oo, sɛ minni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mugyina pintinn honhom koro mu, na mode adwene koro bom di apere gyidi a efi asɛmpa no mu,
28
na mommma atamfo nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ ɔyera a wɔbɛyera ho sɛnkyerɛnne ma wɔn, nanso ɛyɛ nkwagye ho sɛnkyerɛnne ma mo, eyi fi Nyankopɔn,
29
efisɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mugye no di nko, na mmom sɛ ne nti muhu amane nso,
30
efisɛ, mowɔ akodi koro no ara a muhui wɔ me mu no, na afei nso moda so ara te sɛ mewɔ mu no.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4