bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
1 Chronicles 14
1 Chronicles 14
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 15 →
1
Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no.
2
Na Dawid hunuu sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahennie so.
3
Na Dawid warewaree yerenom bio Yerusalem, na Dawid wowoo mmammarima ne mmammaa bebree.
4
Na wɔn a wɔwoo wɔn maa no Yerusalem din nie: Samua, Sobab, Natan, Salomo,
5
Yibhar, Elisua, Elpelet,
6
Noga, Nefeg, Yafia,
7
Elisama, Beeliada ne Elifelet.
8
Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa wɔn.
9
Na Filistifoɔ no ba de bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bonhwa mu.
10
Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa.
11
Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kaa sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfoɔ mu me nsam, sɛ nsuo mu paeɛ no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim.
12
Na wɔgyigyaa wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid ka maa wɔde ogya hyeeɛ.
13
Na Filistifoɔ no sane foro baa bio de bɛkyeree nsraban wɔ bonhwa no mu.
14
Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkɔdi wɔn akyi, dane firi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so.
15
Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ firi kɔko, na Onyankopɔn afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no.
16
Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no, na wɔkunkum Filistifoɔ dɔm no firii Gibeon de kɔsii Geser.
17
Na Dawid din hyetae nsase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu tɔɔ amanaman no nyinaa so.
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 15 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29