bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
1 Corinthians 13
1 Corinthians 13
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 14 →
1
Sɛ mede nnipa ne abɔfoɔ tɛkyerɛma mekasa, na menni dɔ a, na mete sɛ yaawa a ɛregyegyeɛ anaa akasaa a ɛrewosoɔ.
2
Na sɛ mewɔ adiyie asɛnka, na menim ahuntasɛm nyinaa, ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidie nyinaa ma metutu mmepɔ mpo, na menni dɔ a, mensɛ hwee.
3
Na sɛ mepore m’ahodeɛ nyinaa mema ahiafoɔ, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhye, na menni dɔ a, merennya ho mfasoɔ biara.
4
Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam yɛ; ɔdɔ nyɛ ahoɔyea; ɔdɔ nyɛ ahokyerɛ, ɛmmema ne ho so,
5
ɛnyɛ ne ho deɛ ɛmfata, ɛnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ɔno nko ara ne deɛ, ne bo nha no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam,
6
n’ani nnye deɛ ɛntene ho, na mmom ɛdi ahurisie wɔ nokorɛ mu.
7
Ɛtie ade nyinaa, ɛgye ade nyinaa di, ɛnya ade nyinaa mu anidasoɔ, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.
8
Ɔdɔ to ntwa da. Nkɔmhyɛ deɛ, wɔbɛgu; kasa ahodoɔ deɛ, ɛbɛgyae; nimdeɛ deɛ, ɛbɛsa.
9
Na yɛhunu adeɛ fa-ne-fa, na yɛhyɛ nkɔm fanefa.
10
Na sɛ deɛ ɛwie pɛyɛ no nya ba a, ɛno na wɔbɛgu deɛ ɛyɛ fa-ne-fa no.
11
Meyɛ abɔfra no, mekasaa sɛ abɔfra, medwenee sɛ abɔfra, metee asɛm ase sɛ abɔfra; na mebɛyɛɛ panin yi, magyae mmɔfraasɛm no.
12
Na seesei deɛ, yɛnam ahwehwɛ mu hunu adeɛ wɔ bɛ mu, na daakye deɛ, anim ne anim; seesei deɛ, mehunu adeɛ fa-ne-fa, na daakye deɛ, mɛhunu adeɛ mua sɛdeɛ wɔahunu me nso yi.
13
Na afei gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ, adeɛ mmiɛnsa yi na ɛtena hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛseɛ.
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 14 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16