bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
1 John 1
1 John 1
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 2 →
1
Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho,
2
na nkwa no yii ne ho kyerɛe, na yɛahunu, na yɛdi ho adanseɛ, na yɛka daa nkwa a ɛne Agya no wɔ hɔ na ɛyii ne ho kyerɛɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ mo,
3
deɛ yɛahunu na yɛateɛ no na yɛka kyerɛ mo nso, na mo nso ne yɛn anya ayɔnkofa; na yɛn ayɔnkofa no, yɛne Agya no ne ne Ba Yesu Kristo na ɛwɔ.
4
Yɛtwerɛ yeinom brɛ mo, na yɛn anigyeɛ awie pɛyɛ.
5
Na kaseɛ a yɛtee no ne nkyɛn na yɛrebɔ mo yi ne sɛ: Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu koraa.
6
Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yɛdi atorɔ, na yɛnnante nokorɛ mu.
7
Na sɛ yɛnam hann mu sɛ ɔno wɔ hann mu no a, na yɛwowɔ ayɔnkofa wɔ yɛn ntɛm, na ne Ba Yesu mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa mu.
8
Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu.
9
Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ nokwafoɔ ne teneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.
10
Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma no dane ɔtorofoɔ, na n’asɛm no nni yɛn mu.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5