bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
1 Thessalonians 3
1 Thessalonians 3
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 4 →
1
Enti yɛsɔ mu a na ɛnsɔ bio no, yɛpenee sɛ wɔnnya yɛn hɔ wɔ Atene.
2
Na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Onyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔntu mo fo mo gyidie ho,
3
na amanehunu yi anha obiara, ɛfiri sɛ mo ara monim sɛ deɛ ɛtwa sɛ yɛhunu ara ne no.
4
Na yɛwɔ mo nkyɛn no nso, yɛka kyerɛɛ mo ansa sɛ yɛbɛhunu amane, sɛdeɛ ɛbaeɛ na monim no.
5
Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɛnsɔ bio no, mesomae, na mahunu mo gyidie mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfoɔ no asɔ mo ahwɛ, ama yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa.
6
Na afei Timoteo firii mo nkyɛn baa yɛn nkyɛn bɛkaa mo gyidie ne ɔdɔ ho asɛmpa, ne sɛ mokae yɛn yie daa, na mopɛ sɛ mohu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhu mo kyerɛɛ yɛn no,
7
yei nti, anuanom, mo gyidie ama yɛn werɛ akyekye wɔ mo ho, yɛn amanehunu ne ahohia nyinaa mu,
8
ɛfiri sɛ, sɛ mogyina Awurade mu pintinn a, na yɛanya nkwa.
9
Na aseda bɛn na yɛbɛtumi ada Onyankopɔn wɔ mo ho, anigyeɛ nyinaa a mo nti yɛn ani agye yɛn Nyankopɔn anim no ho?
10
Awia ne anadwo yɛsrɛ pii sɛ yɛbɛhunu mo anim, na yɛama mo gyidie awie mayɛ.
11
Na ɔno ara ankasa, yɛn Nyankopɔn ne Agya no, ne yɛn Awurade Yesu nnane yɛn kwan mmra mo nkyɛn.
12
Na mo deɛ, Awurade mma monnɔɔso na mommoro so ɔdɔ a mode dodɔ mo ho mo ho ne nnipa nyinaa no mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no,
13
na wahyɛ mo akoma den a mo ho nni asɛm, kronkronyɛ mu, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim, yɛn Awurade Yesu ne n’ahotefoɔ nyinaa ba mu.
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 4 →
All chapters:
1
2
3
4
5