bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
2 Samuel 9
2 Samuel 9
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 10 →
1
Na Dawid bisaa sɛ: Obi da so wɔ hɔ a waka Saulo fie, na Yonatan nti mɛyɛ no adɔeɛ?
2
Na Saulo fie somfoɔ bi wɔ hɔ a ne din de Siba. Na wɔkɔfrɛɛ no maa no baa Dawid nkyɛn, ɛnna ɔhene bisaa no sɛ: Wone Siba? Na ɔse: W’akoa ne no.
3
Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Obi nni Saulo fie bio a mede Nyankopɔn adɔeɛ bɛyɛ no anaa? Na Siba se: Yonatan babarima bi da so wɔ hɔ a ɔyɛ apakye.
4
Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔwɔ he? Na Siba buaa ɔhene sɛ: Hwɛ, ɔwɔ Amiel ba Makir fie wɔ Lo-debar.
5
Na ɔhene soma maa wɔkɔfaa no firii Amiel ba Makir fie wɔ Lo-debar bae.
6
Na Saulo ba Yonatan ba Mefiboset duruu Dawid nkyɛn no, ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Na Dawid kaa sɛ: Mefiboset. Na ɔse: W’akoa nie.
7
Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔeɛ, na mɛdane w’agya Saulo asase nyinaa mama wo, na woadidi me pono so daa daa.
8
Na ɔkoto kaa sɛ: W’akoa ne hwan a worehwɛ no teta sɛ ɔpɛtɛ funu yi?
9
Ɛnna ɔhene frɛɛ Saulo somfoɔ Siba, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adeɛ a ɛyɛ Saulo ne ne fie deɛ no nyinaa mede mama wo wura ba.
10
Enti dɔ asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa so aba bra, na wo wura ba nnya aduane nni. Na wo wura ba Mefiboset deɛ, ɔbɛdidi me pono so daa daa. Nso na Siba wɔ mmammarima dunum ne nkoa aduonu.
11
Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene ahyɛ n’akoa no nyinaa no, saa ara na w’akoa bɛyɛ. Na ɔhene kaa sɛ: Mefiboset deɛ, ɔnnidi me pono so sɛ ɔhene mma mu bi.
12
Na Mefiboset wɔ ɔbabarima kumaa bi a wɔfrɛ no Mika. Na wɔn a wɔte Siba fie nyinaa yɛ Mefiboset nkoa.
13
Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na ɔhene pono so na na ɔdidie daa daa. Na ɔtɔ ne nan mmienu so.
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 10 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24