bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Amos 2
Amos 2
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 3 →
1
Sɛ AWURADE seɛ nie: Moab amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ ɔde Edom hene nnompe hyee akaadoo nti.
2
Na mɛto Moab mu gya, na ahye Keriot aban denden no, na Moab bɛwu hooyɛ mu, osebɔ ne totorobɛnto gyegyeɛ mu.
3
Na mɛtwa emu temmufoɔ no atwene, na makunkum ne mmapɔmma nyinaa aka ne ho, AWURADE na ɔseɛ.
4
Sɛ AWURADE seɛ nie: Yuda amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔapo AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛdeɛ soɔ, na wɔn torɔ a wɔn agyanom dii akyire no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.
5
Na mɛto Yuda mu gya, na ahye Yerusalem aban denden no.
6
Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.
7
Wɔn kɔn dɔ mmɔborɔni atifi dɔteɛ mpo, na wɔkyea amanehunufoɔ kwan, na obi ne n’agya kɔ ababaa korɔ ho, sɛ wɔde regu me din kronkron ho fi,
8
na wɔda awowa ntoma soɔ, afɔrebukyia nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonom wɔn a wɔabɔ wɔn ka nsa, wɔn anyame fie.
9
Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase nhini no.
10
Na me nso meyii mo firii Misraim asase so na mede mo nantee ɛserɛ so mfirinhyia aduanan, sɛ mommɛfa Amorini asase nni.
11
Na mememaa mo mma binom so mesisii adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom meyeyɛɛ ahotuafoɔ. Ɛnte saa, O Israelfoɔ? AWURADE asɛm nie.
12
Nanso momaa ahotuafoɔ nsa nomee na mohyɛɛ adiyifoɔ sɛ: Monnhyɛ nkɔm!
13
Hwɛ, me ara mɛnyema mo akɔ fam, sɛdeɛ teaseɛnam a ayuo afiafi ayɛ no ma nyema no.
14
Na dwane bɛbɔ ɔhoɔharefoɔ, na ɔhoɔdenfoɔ nso ahoɔden abɔ no, na dɔmmarima rennye ne ho nkwa.
15
Na taduakurani rennyina, na deɛ ne nan yɛ herɛ remfiri mu mfi, na ɔpɔnkɔsotefoɔ rennye ne ho nkwa.
16
Na nnɔmmarima mu kokoɔdurufoɔ de adagya bɛdwane ɛda no, AWURADE asɛm nie.
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 3 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9