bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Colossians 4
Colossians 4
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
1
Awuranom, momfa deɛ ɛtene, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo nso mowɔ owura wɔ ɔsoro.
2
Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.
3
Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi,
4
na mayi no adi, sɛdeɛ ɛsɛ me sɛ mekasa.
5
Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.
6
Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.
7
Tihiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ne m’awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka me ho nsɛm nyinaa akyerɛ mo.
8
Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekyere mo werɛ,
9
na mede Onesimo, onua nokwafoɔ dɔfo a ɔfiri mo mu no, mekaa ne ho; wɔn na wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa.
10
Aristarko, me yɔnko dommum ne Barnaba wɔfase Marko a monyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so).
11
Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wɔfiri twetiatwa mu no, kyea mo. Yeinom nko ne me yɔnko adwumayɛfoɔ Nyankopɔn ahennie no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekyerɛ.
12
Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa ɔdi ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.
13
Na medi no ho adanseɛ sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli.
14
Luka, oduyɛfoɔ dɔfo no, ne Dema kyea mo.
15
Monkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fie no.
16
Na sɛ wɔkenkan nwoma yi wɔ mo mu wie a, momma wɔnkɔkenkan no Laodikeafoɔ asafo no mu bi, na mo nso monkenkan deɛ ɛfiri Laodikea no.
17
Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woayɛ no pɛpɛɛpɛ.
18
Me nkyea a me Paulo mede me nsa metwerɛ nie. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
All chapters:
1
2
3
4