bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Ezra 1
Ezra 1
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 2 →
1
Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyanee Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ:
2
Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE ɔsoro Nyankopɔn de ahyɛ me nsa, na ɔno ara ahyɛ me sɛ mensi efie memma no Yerusalem a ɛwɔ Yuda.
3
Mo mu biara a ɔwɔ ha a ɔbɛtumi no, ne Nyankopɔn nni n’akyi, na ɔmforo nkɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda, na ɔnsane nkɔsi AWURADE Israel Nyankopɔn fie no: Ɔno ne Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem.
4
Na obiara a ɔte ase wɔ baabiara a wakɔyɛ hɔ hɔhoɔ no, ma ɛhɔfoɔ mfa dwetɛ ne sika ne afideɛ ne mmoa ɛne ayamyi adeɛ a wɔde bɛma Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no nnya no kwan.
5
Ɛnna Yuda ne Benyamin agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, wɔn a Onyankopɔn akanyan wɔn honhom nyinaa sɔresɔree sɛ wɔreforo asane akɔsi AWURADE fie a ɛwɔ Yerusalem no.
6
Na wɔn a na wɔtete wɔn ho hyia nyinaa de dwetɛ nnwinneɛ, sika ne afideɛ ne mmoa aboɔdenneɛ hyɛɛ wɔn abasam den, ɛsono ayamyi adeɛ no nyinaa.
7
Na Ɔhene Kores yii AWURADE fie nnoɔma a Nebukadnessar kɔfa firii Yerusalem de ba bɛsiee ne nyame fie no,
8
ɛnonom na Persiahene Kores yi hyɛɛ ɔsannaani Mitredat nsa, na ɔkan de maa Yuda bapɔmma Sesbasar.
9
Na ne dodoɔ nie: Sika nyowa aduasa, dwetɛ nyowa apem, aduhwam nkukuwa aduonu nkron,
10
sika nkuruwa aduasa, dwetɛ nkuruwa a ɛdi hɔ ahanan ne du, nnwinneɛ a ɛkeka ho apem.
11
Sika ne dwetɛ nnoɔma no nyinaa yɛ mpemnum ne ahanan. Ɛnonom nyinaa na Sesbasar ne wɔn a wɔtuu wɔn kɔeɛ, a ɔde wɔn firi Babel sane baa Yerusalem no de baeɛ.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10