bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Jonah 2
Jonah 2
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 3 →
1
Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ:
2
Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, na ɔtiee me; mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu, na woate me nne.
3
Na wotoo me twenee ebunu mu, ɛpo akoma mu, na ɔhweamo twaa me ho hyiae; w’asorɔkyeɛ ne w’aworɔ nyinaa bu faa me so.
4
Na me nso mese: Wɔatu me afiri w’anim, nanso mɛkɔ so mahwɛ w’asɔrefie kronkron no kwan so.
5
Nsuo bɛtwaa me ho hyiae bɛduruu ɔkra ho, ebunu twaa me ho buka sii, ɛpo mu wira kyekyeree me ti.
6
Mesiane mekɔɔ mmepɔ nhini ho, mekɔɔ Asamando, na wɔtoo me twenee koransan, nanso wo AWURADE me Nyankopɔn woyii me firii Amena mu.
7
Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn, aane w’asɔrefie kronkron hɔ.
8
Wɔn a wɔn ani sɔ atorɔ ahoni no, wɔpo wɔn ara wɔn ADOM.
9
Na me deɛ, mede aseda nne bɛbɔ wo afɔdeɛ, deɛ mahyɛ ho bɔ no, mɛtua; ɛfiri sɛ, nkwagyeɛ wɔ AWURADE!
10
Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ apataa no maa ɔkɔfee Yona too asase pɛsɛɛ so.
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 3 →
All chapters:
1
2
3
4