bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Judges 12
Judges 12
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 13 →
1
Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so.
2
Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me nkurɔfoɔ nyinaa ne Amonfoɔ nyaa manso kɛseɛ; na meteaa mu mefrɛɛ mo no, moannye me amfiri wɔn nsam;
3
na mehunuu sɛ moremma mmɛgye me no, mede me nkwa metoo me nsam, na mesene mekɔɔ Amonfoɔ no so, na AWURADE de wɔn hyɛɛ me nsa, na adɛn na moaforo aba me soɔ ne me rebɛko nnɛ yi?
4
Na Yefta boaa Gilead mmarima nyinaa ano na ɔne Efraim koe; na Gilead mmarima no kunkumm Efraimfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔse: Moyɛ Efraim adwanefoɔ, mo Gileadfoɔ, mowɔ Efraim mu, na mowɔ Manase mu.
5
Na Gilead faa Yordan atwaeɛ twaree Efraim; na sɛ Efraim adwanefoɔ no mu bi ka sɛ: Ma mentwa a, ɛnneɛ Gilead mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Woyɛ Efraimni anaa? Na ɔse: Dabi a,
6
wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ ka sɛ Shibolet, na ɔka sɛ: Sibolet, ɛfiri sɛ ɔntumi nka no yie a, na wɔakye no aku no Yordan atwaeɛ hɔ. Na saa berɛ no Efraimfoɔ mpemaduanan mmienu na ɛtotɔeɛ.
7
Na Yefta buu Israel atɛn mfeɛ nsia. Na Gileadni Yefta wui, na wɔsiee no Gilead nkuro no bi mu.
8
Na n’akyiri no, Ibsan a ɔfiri Betlehem buu Israel atɛn.
9
Na ɔwɔ mmammarima aduasa, na ɔde mmammaa aduasa memaa awareɛ mmeammea, na ɔkɔgyegyee mmabaa aduasa nso firi mmeammea brɛɛ ne mmammarima awareɛ. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nson.
10
Na Ibsan wui, na wɔsiee no Betlehem.
11
Na n’akyiri no, Sebulonni Elon buu Israel atɛn. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ du.
12
Na Sebulonni Elon wui, na wɔsiee no Ayalon, Sebulon asase so.
13
Na n’akyiri no, Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni buu Israel atɛn.
14
Na ɔwɔ mmammarima aduanan ne mmanana aduasa a wɔtenaa mfunumu aduɔson soɔ. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nwɔtwe.
15
Na Hilel ba Abdon a ɔyɛ Piratonni no wui, na wɔsiee no Piraton wɔ Efraim asase a ɛwɔ Amalekfoɔ bepɔ soɔ no so.
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 13 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21