bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Leviticus 17
Leviticus 17
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 18 →
1
Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2
Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ ho mmara sɛ:
3
Obiara a ɔwɔ Israel fie a ɔkum nantwie anaa odwanten anaa abirekyie nsraban no mu anaasɛ ɔku no nsraban no akyire,
4
na ɔmfa mma ahyiaeɛ ntomadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛdeɛ mma AWURADE wɔ tenabea anim no, wɔbɛbu mogya agu ne so, waka mogya agu, na wɔbɛtwa saa onipa no afiri ne man mu atwene,
5
na ama Israelfoɔ de wɔn afɔdeɛ a wɔkum wɔ ɛserɛ soɔ no abrɛ asɔfoɔ no ama wɔde abrɛ AWURADE wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ.
6
Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no mpete AWURADE afɔrebukyia no so, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na ɔnhye sradeɛ no na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.
7
Na wɔnnkum wɔn afɔrebɔdeɛ mmma mpapo abosom a wɔdi wɔn akyiri adwamammɔ soɔ no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma wɔn, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
8
Na wɔn deɛ, ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔbɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ bie,
9
na wamfa amma ahyiaeɛ ntomadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.
10
Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.
11
Ɛfiri sɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔrebukyia no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.
12
Ɛno nti na mese Israelfoɔ sɛ: Mo mu biara nnni mogya, na ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no nso nnni mogya.
13
Na obiara a ɔfiri Israel mma ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu no a wɔyɛ ha kum aboa anaa anomaa a wɔdie no, wɔnhwie ne mogya ngu na wɔmfa dɔteɛ nkata so.
14
Na ɔhonam nyinaa deɛ, ne mogya ne ne nkwa, enti na mese Israelfoɔ sɛ: Monnni nam biara mogya, ɛfiri sɛ honam nyinaa nkwa ne ne mogya; obiara a ɔdie no, wɔbɛtwa no atwene.
15
Na obiara a ɔdi deɛ wawuo anaasɛ deɛ wɔatete no, kuromani oo, ɔhɔhoɔ oo, ɔnsi ne ntadeɛ na ɔmfa nsuo nnware, na ne ho nte kɔsi anwummerɛ ansa na ne ho ate;
16
na sɛ wansi ne ntadeɛ na wannware ne ho a, ɛnneɛ ɔnsoa ne mmusuo.
← Chapter 16
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 18 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27