bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Matthew 1
Matthew 1
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 2 →
1
Yesu Kristo, Dawid ba, Abraham ba no awoɔ ntoatoasoɔ.
2
Abraham woo Isak, na Isak woo Yakob, na Yakob woo Yuda ne ne nuanom.
3
Yuda ne Tamar woo Peres ne Sera, na Peres woo Hesron, na Hesron woo Ram,
4
na Ram woo Aminadab, na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon,
5
na Salmon ne Rahab woo Boas, na Boas ne Rut woo Obed, na Obed woo Yisai,
6
na Yisai woo Ɔhene Dawid. Na Dawid ne deɛ kane na ɔyɛ Uria yere no woo Salomo,
7
na Salomo woo Rehoboam, na Rehoboam woo Abia, na Abia woo Asa,
8
na Asa woo Yehosafat, na Yehosafat woo Yoram, na Yoram woo Usia,
9
na Usia woo Yotam, na Yotam woo Ahas, na Ahas woo Hesekia,
10
na Hesekia woo Manase, na Manase woo Amon, na Amon woo Yosia,
11
na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, ɛberɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no mu.
12
Na wɔtwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyiri no, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel,
13
na Serubabel woo Abihud, na Abihud woo Eliakim, na Eliakim woo Asor,
14
na Asor woo Sadok, na Sadok woo Akim, na Akim woo Elihud,
15
na Elihud woo Eleasa, na Eleasa woo Matan, na Matan woo Yakob,
16
na Yakob woo Yosef a na ɔyɛ Maria a ɔwoo Yesu a wɔfrɛ no Kristo no ne kunu.
17
Na awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Dawid so nyinaa yɛ dunan, na ɛfiri Dawid so de bɛsi sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan, na ɛfiri sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no bɛsi Kristo soɔ no nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.
18
Na sɛdeɛ Yesu Kristo awoɔ teɛ nie: Wɔde ne na Maria maa Yosef sɛ asiwayere, na wɔnnya nhyiaa mu no, wɔhunuu sɛ ɔnyem deɛ ɛfiri Honhom Kronkron mu.
19
Na ne kunu Yosef yɛ onipa tenenee, na ɔmpɛ sɛ ɔgu n’anim ase dwam nti, ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛgyaa no kokoam.
20
Na ɔredwennwene yeinom ho no, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ daeɛ mu sɛ: Yosef, Dawid ba, nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na deɛ ɔnyem no firi Honhom Kronkron mu.
21
Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu.
22
Na yei nyinaa yɛɛ hɔ, na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ:
23
Hwɛ, ababaawa no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabanin, na wɔato ne din Imanuel, (a asekyerɛ ne sɛ: Onyankopɔn ne yɛn na ɛwɔ hɔ.)
24
Na Yosef firii nna mu nyaneeɛ no, ɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade bɔfoɔ no hyɛɛ no no, na ɔkɔfaa ne yere no baa ne nkyɛn.
25
Na Yosef ne no anhyia mu de kɔsii da a ɔwoo ɔbabanin; na ɔtoo ne din Yesu.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28