bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Micah 1
Micah 1
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 2 →
1
AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahemfo Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ no a ɔhunuu no Samaria ne Yerusalem ho nie.
2
Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.
3
Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa, na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so.
4
Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase, na mmonhwa mu apaepae, sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no, te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane.
5
Yakob mmarato ne Israel fie nnebɔne nti na yei nyinaa ba. Ɛdeɛn ne Yakob mmarato? Ɛnyɛ ɛne Samaria anaa? Na ɛdeɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea? Ɛnyɛ ɛne Yerusalem anaa?
6
Na mede Samaria bɛyɛ wiram aboɔkuo ne abobe atɛeɛ, na mede n’aboɔ bɛgu bonhwa no mu, na mayi ne nnyinasoɔ adi.
7
Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa, na wɔde ogya ahye n’ayɛyɛdeɛ nyinaa, na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo, ɛfiri sɛ adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɔde aboa ano, na adwamamfoɔ apɛdeɛ na ɛbɛsane akɔyɛ.
8
Yei nti mɛsu na matwa adwo, mɛnante kwaterekwa ne adagya mu, mɛtue su mu sɛ ɛserɛ so kraman, na madi abooboo sɛ sohori.
9
Na n’apirakuro no aporɔ. Na abɛduru Yuda, abɛso me man pono ano, aduru Yerusalem.
10
Monnka nnkyerɛ Gat, esu nso monnkɔsu; Bet-leafra na monyantam mfuturo mu.
11
Safirfoɔ, monsene nkɔ, adagya aniwuo mu; Saananfoɔ mfiri adi; Bet-esel agyaadwotwa ma mo gyinabea bɔ mo;
12
na Marotfoɔ de ahoyera twɛn mmerɛ pa, ɛfiri sɛ bɔne afiri AWURADE nkyɛn aduru aba Yerusalem kuro pono ano.
13
Lakisfoɔ, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefoɔ; ɛyɛɛ Sion babaa bɔne mfitiaseɛ, sɛ wo mu na wɔhunuu Israel mmaratodeɛ no.
14
Enti wobɛma Moreset-gat nkradie akyɛdeɛ: Aksib afie di Israel ahemfo hwammɔ.
15
Maresafoɔ mede ɔdedifoɔ foforɔ bɛbrɛ mo; Adulam na Israel animuonyamfoɔ bɛduro.
16
Bɔ tikwa na wewɛre wo ho, w’anigyeɛ mma nti ma wo tikwa ntrɛ sɛ ɔpɛtɛ deɛ, ɛfiri sɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7