bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
/
Ezekiel 27
Ezekiel 27
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 28 →
1
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2
“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.
3
Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka: “ ‘Woka se, Tiro, “Me ho yɛ fɛ yiye.”
4
Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri; wʼadansifo maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ.
5
Wo nnua a wɔpaee nyinaa yɛ ɔpepaw a efi Senir. Wɔde Lebanon sida na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa wo.
6
Odum nnua a efi Basan na wɔde yɛɛ wʼatabon; Kwabɔhɔre nnua a efi Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛw so.
7
Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatam a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapon ne mfɛnsere ano ntama yɛ abibitam ne beredum ntama a efi Elisa mpoano.
8
Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafo. Tiro, na wɔyɛ adwumayɛfo wɔ wʼahyɛn mu.
9
Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn mu sɛ dua dwumfo a wotuatua ahyɛn no mu ntokuru. Po so ahyɛn ne wɔn hyɛnmufo nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bedii nsesagua.
10
“ ‘Persia, Lidia ne Put mmarima somee sɛ asraafo wɔ wo nsraadɔm mu. Wɔde wɔn nkatabo ne dade kyɛw sensɛn wʼafasu ho, de hyɛɛ wo anuonyam.
11
Arwad ne Helek mmarima wɛn wʼafasu ho nyinaa Gammad mmarima tenaa wʼabantenten mu. Wɔde wɔn nkatabo sensɛn wʼafasu ho maa wʼahoɔfɛ dii mu.
12
“ ‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.
13
“ ‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.
14
“ ‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade.
15
“ ‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka.
16
“ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.
17
“ ‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade.
18
“ ‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti.
19
Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade.
20
“ ‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua.
21
“ ‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua.
22
“ ‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua.
23
“ ‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua.
24
Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua.
25
“ ‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafo ma wʼaguade. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ po no mfimfini.
26
Wʼaharefo no fa wo de wo kɔ po so akyirikyiri nanso apuei ahum bebubu wo mu nketenkete wɔ po no mfimfini.
27
Wʼahonya, aguade ne adetɔnnne wʼahyɛn akwankyerɛfo, wʼahyɛn mufo ne wɔn a wotuatua wʼahyɛn mu ntokuru, wʼaguadifo ne wʼasraafo nyinaa, ne obiara a ɔwɔ hyɛn no mu bɛmem akɔ po ase tɔnn, da a wo hyɛn no bɛbɔ.
28
Mpoano asase bɛwosow bere a wo hyɛn mufo no reteɛteɛ mu.
29
Wɔn a wokurakura atabon no nyinaa begyaw wɔn ahyɛn hɔ; hyɛn akwankyerɛfo ne hyɛn mufo nyinaa begyinagyina mpoano.
30
Wɔbɛma wɔn nne so asu osu yaayaw ama wo; wɔbɛpete mfutuma agu wɔn ti so na wɔayantayantam nsõ mu.
31
Wo nti wɔbɛbobɔ tikwaw na wɔafurafura atweaatam. Wɔde ɔkra mu ahoyeraw ne awerɛhow a mu yɛ den begyam wo.
32
Bere a wɔretwa adwo redi awerɛhow no wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so se: “Hena na wama no atɔ mum te sɛ Tiro a po atwa ne ho ahyia yi?”
33
Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so no woboaa aman bebree; Wʼahonyade ne wʼaguade maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.
34
Afei po abubu wo mu nketenkete wɔ asu no bun mu wʼaguade ne wʼadwumayɛfo nyinaa ne wo amem kɔ asu ase.
35
Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa ho adwiriw wɔn wɔ wo ho; ehu ma wɔn ahemfo ho popo na wɔn anim sinsiam.
36
Aman no mu aguadifo bɔ ntwɔm gu wo so woaba awiei a ɛyɛ hu na wɔrenhu wo bio.’ ”
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 28 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48